29 Afei ɔde ne nsa kaa bɛ ani, na ɔkaa sɛ, “Sɛdeɛ ho gyidie teɛ he, ɔnyɔ saa mma ho.”
Na Yesu buaa no sɛ, “Baa, wo gyidie so! Ɔnyɔ hɔ mma wo sɛ deɛ wopɛ.” Amonom hɔaa ne ba he nyaa ayaresa.
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ, wo gyidie asa wo yadeɛ.” Amonom hɔaa, ohuu adeɛ, na odii n’akyi kwane he so.
Yesu danee ne ho, na ohuu no he, ɔkaa sɛ, “Babaa, ma w’akoma ntɔ wo yam, wo gyidie agye wo.” Na amonom hɔaa baa he nyaa ayaresa.
Na Yesu ka kyerɛɛ asraafoɔ ha so panyini he sɛ, “Kɔ; ɔnyɔ hɔ ma wo sɛdeɛ wo gyidie teɛ.” Na akoa he ho tɔɔ no saa dɔnhwere heaa mu.
Yesu huu bɛ mmɔbɔ, na ɔde ne nsa kaa bɛ ani. Amonom hɔaa behuu adeɛ bio na bedii n’akyi.
Berɛ a ɔkɔɔ fie hɔ he, anifirafoɔ he baa ne nkyɛne, na Yesu bisaa bɛ sɛ, “Hogye di sɛ metumi ayɔ yei?” Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛɛ, Awurade.”