2 Na hwɛ, nnipa binom de bubuani bi a ɔda kɛtɛ so braa no. Berɛ a Yesu huu bɛ gyidie he, ɔka kyerɛɛ bubuani he sɛ, “Ɔba, ma wo akoma ntɔ wo yam, bɛde wo bɔne akyɛ wo.”
Nti ne ho asɛm trɛɛ Siria nyinaa, na bɛde ayarefoɔ, bɛ a bɛyare yadeɛ ahodoɔ ne bɛ a bɛ honam tutu bɛ, ne bɛ a honhom fi ne twerɛ ya bɛ so, ɔne mmubuafoɔ nyinaa, baa ne nkyɛne. Na ɔsaa bɛ nyinaa yadeɛ.
Saa anadwo he Awurade begyinaa ne nkyɛne kaa sɛ, “Nya akokoɔduro! Sɛnea wo adi me ho adanseɛ Yerusalem he, saa ara nso ne otwa sɛ wodi me ho adanseɛ Roma nso.”