18 Berɛ a Yesu gu so ɔɔka yeinom akyerɛ bɛ he, mpofiremuaa hyiadane mu panyini bi ba bebuu nkotodwe n’anim kaa sɛ, “Me ba baa awu seseiaa; na bra na fa wo nsa begu ne so na obenya nkwa.”
Hyiadane he mu panyini ani bereeɛ sɛ Yesu asa yadeɛ homeda he. Nti ɔka kyerɛɛ nnipakuo he sɛ, “Nnansia ne ɔsɛ sɛ bɛde yɔ adwuma, ɔno mu ne ɔsɛ sɛ ho ba na bɛsa ho yadeɛ, na ɔnyɛ homeda ne ɔsɛ sɛ ho ba.”
Na Maria duruu baabi a na Yesu ya he na n’ani bɔɔ ne so he, obuu nkotodwe ne nane ase, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, sɛ na woya ha a, nka me nua beema yi anwu.”
Bɛkenkanee mmara ne adiyifoɔ he badwam wieeɛ he, hyiadane mu mpanyimfoɔ he somaa nnipa kɔɔ bɛ nkyɛne sɛ, “Anuanom, sɛ howɔ nkuranhyɛsɛm bi ma nnipa yi a, honka.”
Saa nso ne bɛmmfa bobesa foforɔ ngu nsakotokuo dadaa mu; anyɛ saa a, nsakotokuo he bɛpae ama bobesa he ahwie agu, na kotokuo he asɛe. Na mmom bɛde bobesa foforɔ gu nsakotokuo mono mu, na ne mmienu nyinaa ansɛe.”