Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 9:15 - Apam Foforɔ

15 Na Yesu ka kyerɛ bɛ sɛ, “Ayefohyia he ahɔhoɔ ntumi nni awerɛhoɔ berɛ a ayefokunu he ya bɛnkyɛne, ɔnte saa? Nna bi bɛba a bɛbɛfa ayefokunu he afiri bɛnkyɛne, na afei bɛbɛkyene kɔm.

Gade chapit la Kopi




Mateo 9:15
22 Referans Kwoze  

Afei bɔfoɔ he ka kyerɛɛ me sɛ, “Twerɛ sɛ, Nhyira nka bɛ a bɛato nsa afrɛ bɛ dwammaa he ayefohyia apontoɔ ase.” Na ɔka kaa ho sɛ, “Yei yɛ Nyankopɔn asɛm turodoo.”


Nea ayeforɔ he wɔ no he ne ayefokunu. Na ayefokunu adamfo a ogyina hɔ na otie ayefokunu he deɛ, n’ani gye paa. Nti m’anigyeɛ awie pɛyɛ.


Na mehuu Kuro Kronkron a ɔyɛ Yerusalem foforɔ sɛ osiane afiri soro afiri Nyankopɔn nkyɛne ɔɔba fam, a bɛasiesie ne ho sɛ ayeforɔ a bɛahyehyɛ no ama ne kunu.


Na beyii mpanyimfoɔ maa asafo biaa, na bɛde akɔmkyene bɔɔ mpaeɛ de bɛ hyɛɛ Awurade a bɛabenya ne mu gyidie he nsa.


Hommfa ho ho nkame ho ho gye ho mmienu apene so sɛ hobɛtena ase berɛ kakra bi, de anya adaagye ama mpaebɔ, na hoabehyia bio. Honyɔ ne saa na Satan ansɔ ho nhwɛ, ɔnam ahohyɛsoɔ a honni nti.


Na esiane sɛ maka yei akyerɛ ho nti, awerɛhoɔ ahyɛ ho akoma ma.


adwuma ne brɛ mu, apesire mu, kɔm ne sukɔm mu, mmuada pii mu, awɔ ne adagya mu.


Afei Yohane asuafoɔ he baa ne nkyɛne bɛkaa sɛ, “Mmɛ nti ne yɛ ne Farisifoɔ he taa kyene kɔm, na wo asuafoɔ yi deɛ nkyene kɔm?”


Biaa mfa ntoma mono sini ntɛ ataadeɛ dada mu, anyɛ saa a, ntɛmuu he bɛte afiri mu ama ne nteɛ he ayɛ kɛse paa.


Yesu bisaa bɛ sɛ, “Nnipa a bɛkɔ ayefohyia ntumi nkyene kɔm berɛ a ayefokunu he ya bɛ nkyɛne, ɔnte saa’? Mmerɛ tentene a ayefokunu he ne bɛya hɔ he, ɔnsɛ sɛ bɛkyene kɔm.


Nso nna bi bɛba a bɛbɛfa ayefokunu he afiri bɛ nkyɛne, na afei bɛbɛkyene kɔm.


Yesu bisaa bɛ sɛ, “Nti hobetumi ama ayefokunu he ahɔhoɔ adi mmuada berɛ a ayefokunu he ya bɛ nkyɛne yi?


Nso nna bi bɛba a bɛbɛfa ayefokunu he afiri bɛ nkyɛne; saa nna he mu ne bebedi mmuada.”


Afei ɔka kyerɛɛ asuafoɔ he sɛ, “Nna bi ɔɔba a hobɛpɛ sɛ hohu Nipa Ba he nna he mu baako nso hoonhu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite