Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 9:13 - Apam Foforɔ

13 Honkɔ nkosua nea Nyankopɔn kyerɛ, sɛ ‘Mepɛ mmɔborɔhunu, na nyɛ afɔrebɔ.’ Na mamma sɛ meebɛfrɛ ateneneefoɔ, na mmom mebaa sɛ meebɛfrɛ nnebɔnyɛfoɔ.”

Gade chapit la Kopi




Mateo 9:13
39 Referans Kwoze  

Yesu tee yei he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Bɛ a bɛnyare he, benhia yaresafoɔ, gye sɛ bɛ a bɛyare. Mamma sɛ meebɛfrɛ ateneneefoɔ na mmom nnebɔnyɛfoɔ.”


Na Nipa Ba he baa sɛ ɔɔbɛhwehwɛ na wagye bɛ a bɛ ayera.”


Mamma sɛ meebɛfrɛ ateneneefoɔ, na mmom maaba sɛ meebɛfrɛ nnebɔnyɛfoɔ de bɛ akɔ adwensakra mu.”


Sɛ nka na honim Nyankopɔn asɛm a ɔdɛ ‘Mepɛ mmɔborɔhunu na nyɛ afɔrebɔ,’ ase a nka hoammu deɛ onni fɔ he fɔ.


Awurade ntwentwɛne ne nane ase ne bɔ a wahyɛ ho sɛnea binom dwene he. Na nea ɔteɛ ne sɛ, ɔwɔ ho ho boasetɔ, efiri sɛ, ɔmpɛ sɛ biaa bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ biaa nya adwensakra.


Nti ho nsakra ho adwene, na hommra Nyankopɔn nkyɛne na wapopa ho bɔne,


Bɛtee yei he, bɛgye toom. Na beyii Nyankopɔn ayɛ sɛ, “Hedeɛ Nyankopɔn ama amanamane mufoɔ nso anya adwensakra a ɔkɔ nkwa mu.”


“Honsakra ho adwene, na soro ahennie he abɛne.”


Saa nipa yi ne Nyankopɔn maa no so sɛ Safohene ne Agyenkwa kɔɔ ne nsa nifa so, sɛ ɔmma Israel nnya adwensakra ne bɔne fakyɛ.


na ne dini so ne bebegyina aka adwensakra ne bɔne fakyɛ ho asɛm amansa nyinaa mu​, na bɛbɛhyɛ aseɛ afiri Yerusalem.


Ofiri saa mmerɛ he ɔɔkɔ he, Yesu firii aseɛ pae mu kaa sɛ, “Honsakra ho adwene na soro ahennie he abɛne.”


Afei Petro ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honsakra ho adwene, na ho nyinaa homma bɛmmɔ ho asu Yesu Kristo dini mu, na hoanya bɔne fakyɛ, na hobenya akyɛdeɛ a ɔyɛ Honhom Kronkron he.


Honso aba a ɔfata adwensakra.


Na mmom medii Nyankopɔn fam adwensakra ne yɛ Awurade Yesu Kristo mu gyidie ho adanseɛ kyerɛɛ Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa.


Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkenkanee no twerɛ nsɛm he mu pɛn sɛ: ‘Boɔ a abantofoɔ apo he; abɛyɛ tweaso tiboɔ titire; yei yɛ deɛ Awurade ayɔ, na ɔyɛ yɛ ani so nwanwa’ anaa?


Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkenkanee deɛ Dawid yɔeɛ mmerɛ a kɔm dee ɔne ne nkurofoɔ he anaa?


Na ɔfa awufoɔ sɔreeɛ ho he, honnkenkaneɛ ya Mose nwoma he mu, asɛm a ofiri nkyɛkyerɛ he mu baaa Mose nkyɛne a Nyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakobo Nyankopɔn’?


Yesu buaa bɛ sɛ, “Bɛntwerɛɛ wɔ ho mmara mu sɛ, ‘Mekaa sɛ, hoyɛ anyame’?


Obuaa sɛ, “Honkenkane sɛ, mfitiaseɛ he, beema ne baa ne Nyankopɔn bɔɔ bɛ


Anaa honkenkanee no mmara he mu sɛ homeda he, sɛ asɔfoɔ a bɛya asɔrefie he bu homeda he so a benni fɔ?


Yesu bisaa no sɛ, “Ɛɛne ne bɛatwerɛ Mmara he mu? Mmɛ ne wokenkane firii Mmara he mu?”


ɔne sɛ yɛde yɛ akoma nyinaa, ne yɛ adwene nyinaa, ne yɛ ahoɔdene nyinaa bɛdɔ Awurade, na afei nso bi bɛdɔ ne yɔnko sɛ ne ho—yei ho hia kyɛne hyeɛ afɔdeɛ ne afɔdeɛ ahodoɔ nyinaa.”


Yesu buaa sɛ. “Bɛ a bɛte apɔ he nhia yaresafoɔ, na bɛ a bɛyare he mmom ne behia yaresafoɔ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite