Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 8:9 - Apam Foforɔ

9 Na me nso meyɛ bi a me di tumi a asraafoɔ hyɛ m’ase; sɛ meka kyerɛ baako sɛ, “Kɔ a ɔkɔ,” na meka kyerɛ foforɔ nso sɛ, “Bra,” a ɔba, na mehyɛ m’akoa so sɛ, “Yɔ yei” a, ɔyɔ.”

Gade chapit la Kopi




Mateo 8:9
17 Referans Kwoze  

Kasakyerɛ nkoa sɛ bɛmmrɛbrɛ bɛ ho ase ma bɛ wuranom na bɛasɔ bɛ wuranom ani adeɛ nyinaa mu; bennyiyi bɛ wuranom nsɛm ano,


Nkoa, honyɔ setie mma ho asaase so wuranom adeɛ nyinaa mu, ɔnyɛ anisoɔ som mu sɛ bɛ a bɛpɛ sɛ bɛsɔ nnipa ani, na mmom akoma pa mu a ɔkyerɛ sɛ hosuro Awurade.


efiri sɛ me nso mehyɛ bi ase, na mewɔ asraafoɔ nso hyɛ m’ase, na meka kyerɛ bɛ mu bi sɛ, ‘Kɔ ha a!’ Ɔkɔ. Na meka kyerɛ foforɔ nso sɛ ‘Bra a!’ Ɔba. Na meka kyerɛ m’akoa sɛ, ‘Yɔ yei a!’ Ɔyɔ.”


Nti ogyinaa n’atifi hyɛɛ abunu he sɛ omfiri ne so nkɔ, na abunu he firii ne so kɔeɛ. Mpofiremaa ɔsɔre firii aseɛ som bɛ.


Na asraafoɔ ha so panyini he buaa sɛ, “Owura, memfata sɛ wobɛba me fie; kasa kɛkɛ, na m’akoa he ho bɛtɔ no.


Na Yesu tee deɛ ɔkaeɛ he, ne ho dwirii no, na ɔka kyerɛɛ bɛ a bedi n’akyi he sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, menhu biaa Israel mu a ɔwɔ gyidie sei.


Na yei yɛɛ bɛ nyinaa ahodwiri ma bebisabisaa bɛ ho bɛ ho sɛ: “Abɛ di? Nkyerɛkyerɛ foforɔ a tumi yam! Ɔhyɛ ahonhom fi mpo na betie no.”


Afei Yesu frɛɛ dummienu he nyinaa maa bɛ ahoɔdene ne tumi a bɛde betutu ahonhommɔne nyinaa na bɛde bɛsa yadeɛ nso.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite