Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 8:5 - Apam Foforɔ

5 Na oduruu Kapernaum he, asraafoɔ ha so panyini bi baa ne hɔ, srɛɛ no

Gade chapit la Kopi




Mateo 8:5
15 Referans Kwoze  

Na asraafoɔ ha so panyini ne bɛ a bɛka ne ho ɔɔwɛne Yesu he huu asaasewosoɔ ne nnoɔma a ɔsisiiɛ he, besuroo pii, kaa sɛ, “Ampa, Nyankopɔn Ba di!”


Nso osiane sɛ na asraafoɔ panyini he pɛ sɛ ɔgye Paulo nkwa he nti, wamma bɛ ho kwane. Mmom, ɔhyɛɛ sɛ bɛ a bebetumi adware he mfiti aseɛ nnware nkɔ mpoano.


Paulo ka kyerɛɛ asraafoɔ panyini he ne asraafoɔ a bɛka ne ho he sɛ, “Sɛ hyɛne yi mu adwumayɔfoɔ he dwane a, hobewuwu.”


Na Paulo frɛɛ asraafoɔ ha so mpanyimfoɔ he mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa abranteɛ yi kɔ safohene nkyɛne, na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no.”


Ofirii Nasaret na ɔkɔtenaa Kapernaum po he ho, Sebulon ne Naftali, mpɔtamu,


Mframa a ano ɔdene bɔ firii anafoɔ fam. Yei maa nnipa he susuu sɛ bebetumi atoa bɛ akwantuo he so sɛnea bɛahyehyɛ he. Nti betuu sɛkyɛ he de hyɛne he faa Kreta mpoano.


Afei ɔfrɛɛ asraafoɔ ha so mpanyimfoɔ he mu mmienu bi kaa sɛ, “Honsiesie asraafoɔ ahaanu, apɔnkɔsotefoɔ aduɔson, ne peakurafoɔ ahanu, anadwo nnɔnkron berɛ mu nkɔ Kaesarea.


Na berɛ a bɛtwee Paulo mu a beebetwa no mmaa he, obisaa sraani panyini a ogyina hɔ he sɛ, “Nti mmara ma kwane sɛ hotwa Romani mmaa berɛ a hommuu no fɔ?”


Afei berɛ a asraafoɔ ha so panyini a na ogyina hɔ a na n’ani tua no he, huu kwane a ɔfaa so gyaam he, ɔkaa sɛ, “Nɔkwasɛm di, nipa yi yɛ Nyankopɔn Ba!”


Na nna bi akyi he, Yesu sane kɔɔ Kapernaum; na benyaa nkra sɛ ɔya fie.


Na ɔfaa kodoɔ twaa po he kɔɔ ɔnoaa ne kurom.


Na wo Kapernaum nso, bɛbɛpegya wo akɔ soro anaa? Daabi da, bɛde wo bɛkɔ asamando. Efiri sɛ, bɛyɔɔ tumideɛ a bɛayɔ no wo mu he Sodom a, nka Sodom kuro he ya hɔ de besi nnɛ.


Na afei na hɔ bɛne Yopa nti, berɛ a asuafoɔ he tee sɛ Petro ya saa kuro he mu he, bɛsomaa mmeema mmienu kɔɔ ne nkyɛne kɔsrɛɛ no sɛ, “Yɛsrɛ wo ntwentwɛne wo nane ase sɛ wobɛba yɛ nkyɛne.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite