Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 8:27 - Apam Foforɔ

27 Na yei yɛɛ bɛ nwanwa, na bɛkaa sɛ, “Abɛ nipa di a, mframa ne po mpo yɔ setie ma no yi?”

Gade chapit la Kopi




Mateo 8:27
8 Referans Kwoze  

Ɔyɛɛ bɛ nwanwa boro so na bɛkaa sɛ, “Waayɔ nnoɔma nyinaa yie, ɔma deɛ n’aso asi mpo te asɛm na mum nso kasa.”


Na ɔne bɛ kɔɔ kodoɔ he mu, na mframa he gyaeɛ. Na yei yɛɛ bɛ nwanwa paa.


Na yei yɛɛ bɛ nyinaa ahodwiri ma bebisabisaa bɛ ho bɛ ho sɛ: “Abɛ di? Nkyerɛkyerɛ foforɔ a tumi yam! Ɔhyɛ ahonhom fi mpo na betie no.”


na ɔyɛɛ nnipadɔm he nwanwa berɛ a behuu nea na ɔyɛ mmum he sɛ ɔɔkasa, bɛ a na bɛyɛ mpakye ne mmubuafoɔ sɛ bɛnnante, na nea na ɔyɛ anifirani he huu sɛ afie deɛ ohu adeɛ. Na bɛhyɛɛ Israel Nyankopɔn he animuonyam.


Na bɛ a bɛ ya kodoɔ he mu he koto sɔree Yesu, kaa sɛ, “Ampa, wo ne Nyankopɔn Ba he.”


Na Yesu tee deɛ ɔkaeɛ he, ne ho dwirii no, na ɔka kyerɛɛ bɛ a bedi n’akyi he sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, menhu biaa Israel mu a ɔwɔ gyidie sei.


Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Mmɛ ntia ho suro yi, ho a ho gyidie sua?” Na ɔsɔreeɛ na ɔteateaa mframa ne po he; na bɛyɛɛ dinn koraa.


Na Yesu duruu asuogya hɔ he, Gadarenefoɔ asaase so he, nnipa mmienu a bɛwɔ honhommɔne firi afunsieɛ behyiaa no. Na bɛ ho hu nti, na nnipa biaa ntumi ntwam saa kwane he so.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite