Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 8:13 - Apam Foforɔ

13 Na Yesu ka kyerɛɛ asraafoɔ ha so panyini he sɛ, “Kɔ; ɔnyɔ hɔ ma wo sɛdeɛ wo gyidie teɛ.” Na akoa he ho tɔɔ no saa dɔnhwere heaa mu.

Gade chapit la Kopi




Mateo 8:13
10 Referans Kwoze  

Yesu ka kyerɛɛ no sɛ “Kɔ, wo ba he ate apɔ!” Na nipa he gyee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no he diiɛ, na ɔkɔeɛ.


Yesu buaa no sɛ, “Mmɛ nti ne wooka sɛ: Sɛ wobetumi a! Te aseɛ sɛ bibiaa betumi ayɛ hɔ ama nea ɔgye di.”


Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho gyidie a osua nti a. Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, sɛ howɔ gyidie a ne kɛseɛ te sɛ sinapi aba a, nka hoka kyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tu firi ha kɔ ha a,’ obetutu; na bibiaa nni hɔ a hoontumi nyɔ.”


Na Yesu buaa no sɛ, “Baa, wo gyidie so! Ɔnyɔ hɔ mma wo sɛ deɛ wopɛ.” Amonom hɔaa ne ba he nyaa ayaresa.


Yesu danee ne ho, na ohuu no he, ɔkaa sɛ, “Babaa, ma w’akoma ntɔ wo yam, wo gyidie agye wo.” Na amonom hɔaa baa he nyaa ayaresa.


Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ na woanka ankyerɛ nipa biaa; afei kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ sɔfo, na bɔ afɔdeɛ a Mose hyɛeɛ he, na ɔnyɛ adansedie mma bɛ.”


Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Dea waka he nti kɔ—honhom fi he afiri wo ba baa he mu.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite