Nhyira ne nkoa a bɛ wura he bɛba abehu bɛ sɛ begu so ɔɔwɛne! Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, ɔbɛbɔ n’abɔsoɔ, na wama bɛatenatena didipono ho na waba abɛsom bɛ.
Yei nti Helani ne Yudani, nea bɛatwa no twetia ne nea bentwaa no twetia, pɔtɔni, Skiteni, akoa anaa dehyeɛ nni saa foforɔyɛ he mu, na Kristo ne ade nyinaa, na ɔya bɛ nyinaa bɛ mu.
Na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ ama bɛde totorobɛnto nyegyeɛ a ano ɔdene aba; na bɛbɛboaboa bɛ a bɛayi bɛ he ano afiri wiase mframa nnan he mu, firi soro ano akosi ano.
Aser abusuakuo mu nnipa a bɛhyɛɛ bɛ nso he dodoɔ yɛ mpem dummienu. Naftali abusuakuo mu nnipa a bɛhyɛɛ bɛ nso he dodoɔ yɛ mpem dummienu. Manase abusuakuo mu nnipa a bɛhyɛɛ bɛ nso he dodoɔ yɛ mpem dummienu.