Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 7:7 - Apam Foforɔ

7 Hommisa, na bɛde bɛma ho; honhwehwɛ, na hobehu; hommom, na bebebie pono he ama ho.

Gade chapit la Kopi




Mateo 7:7
43 Referans Kwoze  

Bibiaa a hode gyidie bɛsrɛ mpaebɔ mu he, ho nsa bɛka.”


Bibiaa a yebisa no he, yɛ nsa ka efiri sɛ, yedi ne mmara so na yɛyɔ nea ɔsɔ n’ani.


Sɛ hotena me mu na me nsɛm tena ho mu a, hommisa bibiaa a hopɛ na ɔbɛyɛ hɔ ama ho.


Nti meeka akyerɛ ho, nea hobebisa no mpaebɔ mu biaa, honnye nni sɛ hoanya na ɔbɛyɛ ho deɛ.”


Nso honni kane nhwehwɛ Nyankopɔn ahennie ne ne tenenee, na ɔde yeinom nyinaa nso bɛka ho ho.


Na biaa a obisa he, ne nsa ka, na biaa a ɔhwehwɛ he, ohu, na biaa a obom he bebie pono he ma no.


Ɔnyɛ ho na hoayi me, na mmom mene maayi ho. Na maayi ho sɛ honkɔso aba, na hoaba he atena hɔ, sɛ ɔbɛyɛ a nea hobebisa Agya he me dini mu biaa ɔde bɛma ho.


Na sɛ gyidie nni hɔ a, biaa ntumi nsɔ Nyankopɔn ani, efiri sɛ ɔsɛ sɛ deɛ ɔba ne nkyɛne biaa gye di sɛ ɔya hɔ na ɔyɛ bɛ a bɛhwehwɛ n’akyi kwane he katuafoɔ.


Yesu buaa no sɛ, “Sɛ wonim Nyankopɔn akyɛdeɛ ne nea oobisa wo sɛ, ‘Ma me nsuo he bi nnom’ a nka wobebisa no na wama wo nkwa nsuo.”


Bio, nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, ho mu mmienu yɛ anokorɔ adeɛ biaa a hobebisa no asaase yi so a, m’Agya a ɔya soro he bɛyɔ ama ho.


Na gyidie mpaebɔ bɛgye yarefoɔ he nkwa, na Awurade bɛmma no so; na sɛ woayɔ bɔne bi a, ɔde bɛkyɛ no.


Afei ɔtoaa so maa bɛ mfantoho bi de kyerɛɛ sɛnea ohia sɛ bɛbɔ mpaeɛ daa a bɛmpa aba.


Na afei sɛ ho a hoyɛ nnebɔnyɛfoɔ mpo de nnepa mma ho mma a, ɔbɛyɛ dɛ ne ho Agya a ɔya soro he ɔmmfa nnoɔma pa mma bɛ a bebisa no!


bɛ a bɛde ntoboaseɛ yɔ papa hwehwɛ animuonyam ne anidie ne nea ɔmporɔ he, ɔbɛma bɛ daa nkwa;


Biaa nni nteaseɛ, biaa nni hɔ a ɔhwehwɛ Nyankopɔn.


Na sɛ fiewura he nya sɔre to pono he mu a, afei hobegyina abɔntene abɔ pono he mu aka sɛ, ‘Owura, bie yɛ.’ Nso obebua ho sɛ, ‘Mennim baabi a hofiri.’


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite