Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 7:6 - Apam Foforɔ

6 Hommfa ade kronkron mma nkramane; na honnto ho nhwene pa ngu mma mprako, na bɛamfa bɛ nane antiatia so na bɛannane amma ho so ammɛseɛ ho.

Gade chapit la Kopi




Mateo 7:6
18 Referans Kwoze  

Honhwɛ ho ho yie nnipa a bɛte sɛ nkramane he ho, honhwɛ yie adwumayɔfoɔ bɔne he ho, honhwɛ yie twetiatwafoɔ he ho!


Na Yesu buaa sɛ, “Ɔnyɛ fɛ sɛ bɛfa mma aduane to ma nkramane mma.”


Mmɛ asotwe koraa ne ɔboro so a hosusu sɛ ɔfata sɛ bɛde bɛtwe bɛ a bɛde Nyankopɔn Ba he anim atwitwi fam na bɛabu apam mogyaa a bɛde tee bɛ ho he animtia, na bɛasopa adom Honhom he?


Nea ɔbaa bɛ so he kyerɛ sɛ, saa bɛ yi yɛ nɔkorɛ: Kramane sane kɔ ne feɛ ho bio, na “prako a bɛadware no he nso kɔyantam ne ho atɛkyɛ mu.”


Na bebree bɛpa bɛ gyidie, na bebeyiyi bɛ ho bɛ ho ama na bɛatentane bɛ ho bɛ ho.


na afei bɛafiri (nɔkorɛ he) ho, esiane sɛ bɛ ankasa bɛbɔ Nyankopɔn Ba he asennua mu bio na bebu no animtia he, bɛbɛma bɛ nso bɛaba adwensakram bio.


Akwantuo pii mu, asubɔntene so asiane mu, adwotwafoɔ asiane mu, amannifoɔ mu asiane mu, amanamane mu asiane mu, kuro mu asiane mu, serɛ so asiane mu, po so asiane mu, anuanom atorɔfoɔ mu asiane mu;


Wo nyaatwomni, di kane yi mpuna a ɔda w’ani so he, na ɔbɛma woahu yie na woatumi ayi wo yɔnko ani ase mfrɛ.


Na kuro he akyi ne nkramane ne adutofoɔ ne adwamanfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne bɛ a bɛpɛ torɔ na bedi he nyinaa ya.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite