Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 7:5 - Apam Foforɔ

5 Wo nyaatwomni, di kane yi mpuna a ɔda w’ani so he, na ɔbɛma woahu yie na woatumi ayi wo yɔnko ani ase mfrɛ.

Gade chapit la Kopi




Mateo 7:5
11 Referans Kwoze  

Ɔbɛyɛ dɛ na woatumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Me nua, ma menyi mfrɛ a ɔda w’ani so yi mma wo,’ berɛ a wonhu mpuna a ɔda w’ankasa w’ani so he mpo? Nyaatwomni! Di kane yi w’ankasa w’ani so mpuna he, na wobehu sɛnea wobeyi mfrɛ a ɔda wo nua ani so he.


Nso, Awurade buaa no sɛ, “Nyaatwomfoɔ, nti ho mu biaa nsane ne nantwie anaa n’afunumu mfiri buom homeda nkɔma no nsuo nnom?


Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ampa hobebu me bɛ yi sɛ, ‘Yaresafoɔ, sa wo ho yadeɛ, yɔ nnoɔma a yɛtee sɛ ɔkɔɔ so Kapernaum he bi woaa wo kurom ha nso.’ ”


Nso ɔnam sɛ na Yesu nim bɛ adwemmɔne nti, ɔkaa sɛ, “Ho nyaatwomfoɔ, mmɛ nti ne hoosɔ me ahwɛ?


Nyaatwomfoɔ, honim sɛnea bɛkyerɛ asaase ne wiem nsɛnkyerɛnne ase, afei, mmɛ nti ne honnim sɛnea bɛkyerɛ saa mmerɛ yi mu?


Na honhommɔne he buaa sɛ, “Menim Yesu, menim Paulo, na ho nso, hoyɛ hefoɔ?”


Mmɛ nti ne wohwɛ wo yɔnko ani ase mfrɛ, na wonnwene mpuna a ɔda w’ani so he ho?


Anaa mmɛ nti ne wotumi ka kyerɛ wo yɔnko sɛ, Mma menyi w’ani ase mfrɛ berɛ a mpuna da so da w’ani so?


Hommfa ade kronkron mma nkramane; na honnto ho nhwene pa ngu mma mprako, na bɛamfa bɛ nane antiatia so na bɛannane amma ho so ammɛseɛ ho.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite