24 “Nipa biaa a otie me nsɛm yi na ɔyɔ bɛyɛ sɛ nyansani a osii ne dane abotane so.
Sɛ honim yeinom na hoyɔ a, hoyɛ nhyira.
Nso ɔkaa sɛ, “Daabi, mmom, nhyira ne bɛ a betie Nyankopɔn asɛm na bedi so!”
Adeɛ paa a ɔkyerɛ sɛ yennim Nyankopɔn ne sɛ, yebedi ne mmara so.
“Hodɔ me a hobedi m’ahyɛdeɛ so.”
Sɛ hoyɔ nea mehyɛ ho he a, hedeɛ hoyɛ me nnamfo.
Sɛ hodi m’ahyɛdeɛ so a, hobɛtena me dɔ mu, sɛnea madi m’Agya ahyɛdeɛ so na mete ne dɔ mu he.
Na biaa a ɔyɔ m’Agya a ɔya soro he apɛdeɛ he ɔno ne yɛ me nuabeema, me nuabaa ne me maame.”
Nsuo tɔeɛ, nsuhyiri baeɛ, na mframa bɔ bɛbɔɔ no, nso ammu angu, efiri sɛ otoo ne fapem he abotane so.
Nso nipa biaa a otie me nsɛm yi na ɔnnyɔ he bɛyɛ sɛ bi a onnim nyansa a osii ne dane anweam.
Na meeka akyerɛ wo, wo ne Petro, na botane yi so ne mesi m’asafo, na Asamando pono ontumi mmu mmfa so da.
“Afei, hwane ne akoa nɔkwafoɔ ne nyansafoɔ a, ne wura de no asi ne fie so, sɛ ɔma nkoa a bɛhyɛ n’ase aduane ne berɛ mu?
Na bɛ mu nnum yɛ mmadwemma, na nnum nso nyɛ mmadwemma.
nso mmadwemma he deɛ bɛfaa ngo kaa bɛ nkanea he ho.
Nso mmadwemma he buaa bɛ sɛ, ‘Daabi, ɔnso yɛ ne ho; honkɔ adetɔnfoɔ hɔ nkɔtɔ bi.’
Na ɔnyɛ bɛ a betie mmara he ne bɛyɛ ateneneefoɔ Nyankopɔn ani so, na mmom bɛ a bɛyɛ mmara he yɔfoɔ nkoaa ne benya bembuo.