23 Na mɛpae mu aka akyerɛ bɛ sɛ, Mennim ho da; homfiri me so nkɔ, ho a hoyɔɔ nnebɔne.
Na ɔbɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nsa benkum so he sɛ, ‘Ho a bɛadome ho, homfiri me so nkɔ daa gya a bɛasiesie ama Bronsam ne n’abɔfoɔ he mu;
Nso obebie n’ano aka akyerɛ ho sɛ, ‘Mennim baabi a hofiri. Homfiri me so nkɔ, ho a hoyɔ nea ɔntene nyinaa!’
Na sɛ fiewura he nya sɔre to pono he mu a, afei hobegyina abɔntene abɔ pono he mu aka sɛ, ‘Owura, bie yɛ.’ Nso obebua ho sɛ, ‘Mennim baabi a hofiri.’
Nso obuaa sɛ, ‘Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, mennim ho.’
Mene dwanhwɛfoɔ pa he, menim me deɛ, na me deɛ nso nim me,
Na kuro he akyi ne nkramane ne adutofoɔ ne adwamanfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne bɛ a bɛpɛ torɔ na bedi he nyinaa ya.
sɛ yei nyina mu he Nyankopɔn fapem da soaa gyina hɔ pintinn a ho ntwerɛeɛ ne sɛ: “Awurade nim ne deɛ,” ɔne, “ma nea ɔbɔ Awurade dini biaa ntwe ne ho mfiri amumuyɔ ho.”