Honhwɛ yie na biaa amfa nipa nyansa ne nnaadaa hunu a ɔnam nnipa nhyehyɛeɛ so, ne wiase ahonhom so ammɛfa ho nommum, efiri sɛ saa nnoɔma yi nyinaa mfiri Kristo,
Bɛkyee aboa he ne ne diyifoɔ torɔfoɔ a ɔyɔɔ anwanwadeɛ n’anim he de no too afiase. Saa anwanwadeɛ he so ne ɔnam daadaa bɛ a bɛde aboa he ahyɛ bɛ agyinaeɛ ne bɛ a bɛsom aboa he honyini he. Bɛtoo aboa he ne diyifoɔ torɔfoɔ he anikann guu gya tadeɛ a sɔfe ɔɔdɛre mu he mu.
Na nnipa bi awiawia bɛ ho aba mu a befiri tete atwerɛ bɛ ho asɛm ato hɔ ama saa atemmuo yi, amumuyɔfoɔ a bɛde akohwibra bu Nyankopɔn adom he animtia, na bɛpo Owura korɔ a ɔne Awurade Yesu Kristo he.
sɛ ɔbɛyɛ a yɛnkɔ so nyɛ te sɛ mmɔfra a bedi akɔneaba, na nkyerɛkyerɛ biaa, te sɛ mframa a ɔnam nnipa mmradɛtoɔ so, ne torɔ ne nnaadaa akwane so, woso bɛ.
Nso ɔnam sɛ na anuanom atorɔfoɔ bi awiawia bɛ ho aba yɛ mu sɛ bɛbɛtetɛ yɛ ahwɛ ahofadie a yɛwɔ no Kristo Yesu mu, sɛnea ɔbɛyɛ a bɛde yɛ bɛkɔ Mmara nkoasom mu nti
Afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Homma ho ani nna hɔ na honhwɛ yie anibereɛ nyinaa ho, efiri sɛ, sɛ nipa nya ne ho ma obu so mpo a, ɔnyɛ nnoɔma a ɔwɔ he mu ne ne obenya ne nkwa.”
Na nipa a bɛabɔ no paa sɛ ɔnhwɛ nnwane he, na nnwane he nyɛ ɔno ankasa ne deɛ he hu pataku sɛ ɔɔba a, ogya nnwane he hɔ dwane ma pataku he bɛkye bɛ, na wabɔ bɛ ahwete.
Na bɛtoo Bronsam a ɔdaadaa bɛ he too gya ne sɔfe tadeɛ a bɛde aboa he ne diyifoɔ torɔfoɔ he ato mu he mu. Na bɛbɛyɛ bɛ ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa.