14 Na pono teaa, ɔne kwane teaa he so fa ɔdene na ɔno ne kɔ nkwa mu, na nnipa kakraa bi ne hu saa pono ne kwane he.
Na bɛafrɛ bebree nso kakraa bi na bɛayi bɛ.”
Na homfa wiase nhyehyɛeɛ yi so, na mmom honsakra ho adwene na honyɛ foforɔ, na hoasɛ ahwɛ ahu nea Nyankopɔn pɛ a ɔyɛ na ɔsɔ ani na odi mu.
Ɔfrɛɛ nnipadɔm he ne n’asuafoɔ he, na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ bi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asennua, na onni m’akyi.
Hɔ ne bɛhyɛɛ akra he dene na bɛhyɛɛ bɛ nkuranee sɛ bɛntoa gyidie he so. Na afei bɛkaa sɛ, “ɔsɛ sɛ yɛfa taa pii mu na yɛakɔ Nyankopɔn ahennie he mu.”
Maaka yeinom nyinaa akyerɛ ho sɛ ɔbɛyɛ a hobenya asomdwie me mu. Hobehyia taa wiase mu. Nso homma ho bo ntɔ ho yam; na maadi wiase so nkunim dada!
Saa ne akyidifoɔ bedi kane, na adikanfoɔ mmom abedi akyire.”
“Honnsuro! Nwankuo ketewa, efiri sɛ ɔsɔ ho Agya ani sɛ ɔde ahennie he bɛma ho.
Ɛɛne nti a? Efiri sɛ ɔnyɛ gyidie so ne bɛde hwehwɛeɛ, na mmom bɛnam nnwuma so,
Bɛbɛpam ho afiri hyia adane mu. Nɔkwasɛm ne sɛ, berɛ bi ɔɔba a biaa a obeku ho he bɛdwene sɛ ɔɔyɔ saa Nyankopɔn dini mu.
Homfa pono teaa he mu nwuram; na kwane deɛ ɔkɔ sɛeɛ mu he pono trɛ na so fa ɔmmerɛ, na dodoɔ ne fa saa kwane he so.
Honhwɛ yie atorɔ adiyifoɔ ho, bɛ a bɛfira dwane nwoma ba ho nkyɛne nso bɛ mu paa deɛ bɛyɛ mpataku.