“Nso ho, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ, honnue! Efiri sɛ, hosi nipa kwane soro ahennie mu nipa anim, ho ankasa nso honkɔ mu, na sɛ binom ɔɔkɔ mu a, hosi bɛ kwane.
Bɔfoɔ he too no twenee amena donkodonko he mu too mu safoa bram akyire na wantumi annaadaa amane bio kosi sɛ mfie apem he betwam. Nso mfie apem he akyi he bebegyaa no kakra.
Bɛtoo tweaseɛ kɛseɛ he tweneeɛ. Ɔno ne wɔ dadaa he a bɛfrɛ no Bronsam ne Satan he, ɔno ne daadaa wiase nyinaa he. Na bɛtoo no twenee asaase so a na n’abɔfoɔ nyinaa ka ne ho.
Na berɛ a yeinom oogya ne hɔ akɔ he, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, ɔyɛ sɛ yɛya ha, nti ma yensi apata mmeɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, Elia nso deɛ baako,” na ɔno deɛ na onnim nea ɔɔka.