Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 6:5 - Apam Foforɔ

5 “Na sɛ hoobɔ mpaeɛ a honnyɔ sɛ nyaatwomfoɔ he; efiri sɛ bɛpɛ sɛ begyina hyiadane mu ne mmɔntene ntweaso bɔ mpaeɛ, sɛ nnipa behu bɛ. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, bɛanya bɛ akatua dada.

Gade chapit la Kopi




Mateo 6:5
34 Referans Kwoze  

“Nti sɛ wooyɔ adɔeɛ adeɛ a, mmɔ dawuro nni w’anim, sɛnea nyaatwomfoɔ he yɔ no hyiadane mu ne mmɔntene so he, sɛdeɛ bebenya nipa anim animuonyam. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho, bɛanya ba akatua dada.


Na togyeni he a ogyina fã nohoa he ampɛ sɛ ɔma n’ani so hwɛ soro mpo, na mmom ɔde ne nsa guu ne koko so kaa sɛ, ‘Nyankopɔn, hu me debɔneyɛni mmɔbɔ.’


“Berɛ biaa a hobɛsɔre sɛ hoobɔ mpaeɛ he, homfa bɛ a howɔ bibi tia bɛ bɔne nkyɛ bɛ, na ho soro Agya nso de ho mfomsoɔ akyɛ ho.”


na bɛbɔ akunafoɔ apoo, na nyaatwom nti, bɛbɔ mpaeɛ atentene. Yeinom benya fobuo kɛseɛ.”


Nso adom a ɔde ma he dɔɔso; nti ɔka sɛ, “Nyankopɔn si ahantafoɔ kwane, na ɔdom ahobrɛaseɛfoɔ.”


Afei ɔtoaa so maa bɛ mfantoho bi de kyerɛɛ sɛnea ohia sɛ bɛbɔ mpaeɛ daa a bɛmpa aba.


Homfa mpaebɔ ne nkotosrɛ nyinaa mmɔ mpaeɛ mmerɛ nyinaa Honhom mu. Afei nso, homma ho ani nna hɔ na honkɔ so nsrɛ mma ahoteefoɔ nyinaa.


Honnue, ho Farisifoɔ, efiri sɛ hopɛ hyia adane mu nkonnwa a osisi animu ne dwa so nkyea!


Bibiaa a hode gyidie bɛsrɛ mpaebɔ mu he, ho nsa bɛka.”


Obesi sesɛɛ hommisaa bibiaa a me dini mu. Hommisa, na ho nsa bɛka, na ho anigyeɛ awie pɛyɛ.


Ɔɔkyerɛkyerɛ he ɔkaa sɛ, “Honhwɛ ho ho yie atwerɛfoɔ he ho, bɛ a bɛpɛ sɛ bɛde ntaadeɛ atentene nenam, sɛ bɛde anidie bɛkyea bɛ dwa so,


nti hommisa twawura he na ɔnsoma apaafoɔ nkɔ ne twa adwuma he mu.”


“Nso ho, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ, honnue! Efiri sɛ, hosi nipa kwane soro ahennie mu nipa anim, ho ankasa nso honkɔ mu, na sɛ binom ɔɔkɔ mu a, hosi bɛ kwane.


Bɛpɛ tenabea a anidie ya mu ya apontoɔ ase, ɔne hyiadane mu nkonnwa pa,


“Na sɛ hoodi mmuada a, honnyɔ ho anim bosaa sɛ nyaatwomfoɔ he, efiri sɛ bɛyɔ bɛ anim bosaa sɛ ɔbɛyɔ a nnipa behu bɛ sɛ beedi mmuada. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, bɛanya bɛ akatua dada.


“Honhwɛ yie na hoannyɔ ho tenenee nnipa anim sɛ bebehu ho; sɛ hoyɔ saa a hoonnya akatua ho Agya a ɔya soro he hɔ.


Na bɛyɔ bɛ nnwuma nyinaa sɛ ɔbɛyɛ a nipa behu bɛ. Na bɛyɔ bɛ nkaeɛ nwoma atɛtrɛtɛ, na bɛyɔ bɛ ntaadeɛ ano nso akɛseɛ.


“Nso ho adefoɔ honnue, efiri sɛ hoanya ho awerɛkyekyerɛ nyinaa dada.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite