2 “Nti sɛ wooyɔ adɔeɛ adeɛ a, mmɔ dawuro nni w’anim, sɛnea nyaatwomfoɔ he yɔ no hyiadane mu ne mmɔntene so he, sɛdeɛ bebenya nipa anim animuonyam. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho, bɛanya ba akatua dada.
“Honhwɛ yie atwerɛfoɔ he ho; bɛ ne bɛpɛ sɛ bɛhyɛ ntaadeɛ atentene, kyinkyini na bɛpɛ badwa mu nkyea ne hyiadane mu nkonnwa a ɔya animu ne mpanyini tenabea apontoɔ ase,
Sɛ bi ɔɔka asɛm a ɔnka Nyankopɔn asɛm. Biaa a ɔsom he, mfa ahoɔdene a Nyankopɔn de ma no he nsom sɛnea bibiaa mu, bɛbɛfa Yesu Kristo so ahyɛ Nyankopɔn a animuonyam ne tumi wɔ no daadaa he animuonyam. Amen!
Esiane sɛ na Yuda ne kura bɛ sika adaka he nti, binom susuu sɛ na Yesu ɔɔka akyerɛ no sɛ, “Kɔtotɔ nnoɔma a yehia ma afahyɛ he” anaa ɔmfa bibi mma ahiafoɔ.
Ɔbɛyɛ dɛ na woatumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Me nua, ma menyi mfrɛ a ɔda w’ani so yi mma wo,’ berɛ a wonhu mpuna a ɔda w’ankasa w’ani so he mpo? Nyaatwomni! Di kane yi w’ankasa w’ani so mpuna he, na wobehu sɛnea wobeyi mfrɛ a ɔda wo nua ani so he.
Hontɔno nnoɔma a howɔ na homfa nyɔ adɔeɛ. Honyɔ sika nkotokuo a ɔnsɛe mfa, na hompɛ agyapadeɛ a ɔya soro, baabi a akorɔmfoɔ ntumi nkowia na nwewemmoa nsɛe no,