Afei, na Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ he ɔɔkyene kɔm; na nnipa binom bebisaa no sɛ, “Mmɛ nti ne Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ he ɔɔkyene kɔm, na w’asuafoɔ deɛ, bɛnkyene kɔm?”
“Nti sɛ wooyɔ adɔeɛ adeɛ a, mmɔ dawuro nni w’anim, sɛnea nyaatwomfoɔ he yɔ no hyiadane mu ne mmɔntene so he, sɛdeɛ bebenya nipa anim animuonyam. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho, bɛanya ba akatua dada.
Hommfa ho ho nkame ho ho gye ho mmienu apene so sɛ hobɛtena ase berɛ kakra bi, de anya adaagye ama mpaebɔ, na hoabehyia bio. Honyɔ ne saa na Satan ansɔ ho nhwɛ, ɔnam ahohyɛsoɔ a honni nti.
Na Konelio kaa sɛ, “Nnannan di, saa berɛ yi muaa, na meya me fie awia nnɔn mmeɛnsa berɛ mu ɔɔbɔ mpaeɛ, na hwɛ, beema bi a ɔhyɛ ataadeɛ hyerɛnhyerɛn begyinaa m’anim.