Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 6:10 - Apam Foforɔ

10 W’ahennie mmra. Wopɛ nyɛ hɔ, asaase yi so sɛdeɛ ɔteɛ soro.

Gade chapit la Kopi




Mateo 6:10
44 Referans Kwoze  

efiri sɛ ho hia boasetɔ, sɛnea ɔbɛyɛ a sɛ hoyɔ deɛ Nyankopɔn pɛ wie a, ho nsa bɛka deɛ wahyɛ ho bɔ he.


Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “M’aduane ne sɛ mɛyɔ nea ɔsomaa me he apɛdeɛ, na mawie n’adwuma.


Na ofirii hɔ kɔɔ ne mprenu so na ɔkɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “M’Agya, sɛ yei ntumi ntwa me ho na otwa sɛ menom a, ma wopɛ nyɛ hɔ.”


Na biaa a ɔyɔ m’Agya a ɔya soro he apɛdeɛ he ɔno ne yɛ me nuabeema, me nuabaa ne me maame.”


honna ase tebea nyinaa mu; na yei ne Nyankopɔn pɛ ya ho fa mu, Kristo Yesu mu.


Na homfa wiase nhyehyɛeɛ yi so, na mmom honsakra ho adwene na honyɛ foforɔ, na hoasɛ ahwɛ ahu nea Nyankopɔn pɛ a ɔyɛ na ɔsɔ ani na odi mu.


Na m’Agya apɛdeɛ ne sɛ biaa a ohu Ba he na ɔgye no di he benya daa nkwa, na menyane no da a odi akyi he.”


Saa nti, ofiri da a yɛteeɛ he, yennyaeɛ mpaebɔ ne nkotosrɛ sɛ Nyankopɔn pɛ ho nimdeɛ nhyɛ ho ma honhom mu nyansa ne nteaseɛ nyinaa mu,


nyɛ ani so som mu, te sɛ bɛ a bɛpɛ sɛ bɛsɔ nnipa ani, na mmom sɛ Kristo nkoa a hoayi ho yam ɔɔyɔ nea Nyankopɔn pɛ.


Ɔnyɛ biaa a ɔfrɛ me sɛ, Awurade, Awurade, ne bɛkɔ soro ahennie mu, na mmom deɛ ɔyɔ m’Agya a ɔya soro he apɛdeɛ.


Na yei ne deɛ Nyankopɔn pɛ, sɛ hode papayɔ si nnipa a benni adwene he nkwaseasɛm ano.


mma ho nni mu nnoɔma nyinaa mu na hoayɔ nea ɔpɛ, deɛ ɔyɔ ho mu adwuma he mfa Yesu Kristo so, sɛdeɛ ɔsɔ n’ani. Ɔno ne animuonyam nka no daa daa. Amen.


“Honsakra ho adwene, na soro ahennie he abɛne.”


sɛ, “Agya, sɛ wopɛ a, yi kuruwa yi firi me so. Nso, ɔnyɛ me pɛ, na mmom ma wo pɛ ne nyɛ hɔ.”


Sɛ bi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛdeɛ a, obehu sɛ nkyerɛkyerɛ he firi Nyankopɔn hɔ anaa m’ankasa ne mebɔ me tim kasa.


Afei metee nne bi te sɛ nnipadɔm nne, ne nsuo nworosoɔ ne apranaa a ɔɔpaepae a ɔɔteam sɛ, “Haleluya! Yɛ Tumfoɔ Awurade Nyankopɔn di hene.


Na yei ne nea Nyankopɔn pɛ, ho ahoteɛ a ɔne sɛ hobɛtwe ho ho afiri adwamammɔ ho;


Ɔnam sɛ na wawe ataaso sɛ ɔbɛkɔ nti, yɛka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade pɛ ne nyɔ hɔ.” Na yɛanka bibiaa bio.


Na oyii no firi hɔ, na ɔde Dawid bɛyɛɛ bɛ hene, na odii ne ho adanseɛ kaa sɛ, ‘Maahu Yisai ba Dawid, beema a ɔda m’akoma so, ɔno ne bɛyɔ nea mepɛ nyinaa.’


Ofiri saa mmerɛ he ɔɔkɔ he, Yesu firii aseɛ pae mu kaa sɛ, “Honsakra ho adwene na soro ahennie he abɛne.”


Afei metee nne dendene bi soro a ɔkaa sɛ, “Afei Nyankopɔn nkwagyeɛ, ne tumi, n’ahennie ne ne Kristo he tumi he aba, efiri sɛ, bɛapam nea ogyina Nyankopɔn anim toto yɛ nuanom ano awia ne anadwo he afiri soro.


Efiri seesei ɔɔkɔ he, ho nna a aka ya asaase so ha he, ɔsɛ sɛ Nyankopɔn ne di ho abrabɔ so, na mmom ɔnyɛ nipa akɔnnɔ.


Na afei mekaa sɛ, ‘Nyankopɔn, hwɛ, maaba sɛ meebɛyɔ deɛ wopɛ, O me Nyankopɔn’ (sɛdeɛ bɛatwerɛ me ho asɛm nwoma mmobɔeɛ he mu).”


sɛ, “Nhyira ne Hene ɔɔba sɛ hene Awurade dini mu! Asomdwie ya soro, na animuonyam ya sorosoro nohoa!”


Nea ɔyɔ Nyankopɔn apɛdeɛ biaa yɛ me nua beema ne me nua baa ne me maame.”


Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, binom gyina ha a, bennwu kosi sɛ bebehu sɛ Nipa Ba he firi n’ahennie mu ɔɔba.”


Nhyira ne yɛ nana Dawid ahennie a ɔɔba he! Nhyira nka sorosoro Nyankopɔn.”


Afei bɔfoɔ a ɔto so nson he hyɛne ne totorobɛnto he, na nne dendene bi firi soro kaa sɛ, “Wiase ahennie ayɛ yɛ Awurade ne ne Kristo he dea, na obedi hene daa daa.”


Afei mehuu nhennwa bi ne bɛ a bɛtete so a na bɛama bɛ tumi sɛ bemmu atɛne. Na mesane huu bɛ a Yesu adanseɛ ne Nyankopɔn asɛm nti betwitwaa bɛ ti he kra, ne bɛ a bɛankoto aboa he anaa ne honyini na bɛannye agyinaeɛ he ammɔ bɛ moma ne bɛ nsa so he. Na benyaa nkwa bio, na bɛne Kristo dii hene mfie apem.


Nti abɔfoɔ nyinaa nyɛ honhom a bɛsom Nyankopɔn a wasoma bɛ sɛ bɛnsom nkwagyeɛ diadefoɔ anaa?


Ɔno ne agye yɛ afiri sum tumi mu, na ɔde yɛ akotim ne dɔ Ba he ahennie mu,


Berɛ a ɔɔbɛne Yerusalem he, nnipa a bɛtee nea ɔkaeɛ he susuu sɛ Nyankopɔn ahennie oobeyi ne ho adi amonom hɔaa. Nti ɔmaa bɛ mfantoho bi.


Na afei ɔkaa sɛ, ‘Yɛ nananom Nyankopɔn ayi wo sɛ hu n’apɛdeɛ, na hu Teneneeni he na tie ɔno ankasa nne,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite