Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 5:46 - Apam Foforɔ

46 Na sɛ hodɔ bɛ a bɛdɔ ho a, mmɛ akatua ne hobenya? Togyefoɔ mpo nnyɔ saa anaa?

Gade chapit la Kopi




Mateo 5:46
19 Referans Kwoze  

Nipa Ba he baeɛ a odidi na ɔnom, na hoka sɛ, “Ɔyɛ didifoɔ ne nsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ bɛ adamfo!’ Nso, bɛ a bɛde Nyankopɔn nyansa di dwuma he da no adi sɛ ne nyansa he yɛ papa.”


Na togyeni he a ogyina fã nohoa he ampɛ sɛ ɔma n’ani so hwɛ soro mpo, na mmom ɔde ne nsa guu ne koko so kaa sɛ, ‘Nyankopɔn, hu me debɔneyɛni mmɔbɔ.’


Na togyefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ nyinaa twi bɛnee Yesu sɛ beebetie no.


Sɛ saa nipa he anntie bɛ a, ka kyerɛ asafo he; na sɛ saa nipa he antie asafo he nso a, fa no sɛ bi a ɔnnyɛ gyidini, na mmom togyeni.


“Honhwɛ yie na hoannyɔ ho tenenee nnipa anim sɛ bebehu ho; sɛ hoyɔ saa a hoonnya akatua ho Agya a ɔya soro he hɔ.


Na behuiɛ he, bɛ nyinaa nwiinwii kaa sɛ. “Beema debɔneyɛfoɔ yi ne ɔɔkɔsoɛ no yi.”


Na beema bi ya hɔ a ne dini de Sakeo; na ɔyɛ togyeni panyini a ɔyɛ defoɔ.


Na sɛ ho kyea ho nuanom nkoaa a, mmɛ ne ho ayɔ akyɛne binom? Amanamane mufoɔ mpo nnyɔ saa?


Na akyire he, ɔbaa sɛ berɛ a Yesu te didipono ho ya Lewi fie he, na ɔne atogyefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ bebree ne n’asuafoɔ ne te hɔ; na nnipa foforɔ bebree nso ka ne ho.


Na Farisifoɔ he mu atwerɛfoɔ he huu sɛ ɔne atogyefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ oodidi he, bebisaa n’asuafoɔ he sɛ, “Mmɛ nti ne ɔne atogyefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ didi yi?”


Na atogyefoɔ nso baa sɛ ɔmmɔ bɛ asu, na bebisaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, abɛ ne yɛnyɔ?”


Afei nso, Lewi too pono kɛseɛ bi ne fie maa no; na atogyefoɔ bebree ne nnipa foforɔ bɛtenatenaa adidiiɛ hɔ.


Nti Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ he nwiinwii kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Mmɛ nti ne ho ne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ didi nom yi?”


(Berɛ a nkurofoɔ he nyinaa ne togyefoɔ he tee yei he, bɛgye tomm sɛ Nyankopɔn tene, efiri sɛ na Yohane abɔ bɛ asu.


Nipa Ba he aba, odidi na ɔnom, nso hoka sɛ, ‘Hwɛ! Beema didifoɔ ne nsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ adamfo di!’


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite