Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 5:29 - Apam Foforɔ

29 Sɛ w’ani nifa to wo sintidua a, tu firi hɔ na to twene; ɔyɛ ma wo sɛ wobɛhwere akwaa baako kyɛne sɛ wode nipadua he nyinaa bɛto amanehunu gya mu.

Gade chapit la Kopi




Mateo 5:29
22 Referans Kwoze  

na sɛ hotena ase sɛnea honam pɛ a, hobewu; nso sɛ hode Honhom he ku honam he a, hobɛtena ase.


Saa nti, honto wiase nnoɔma a ɔya ho mu nyinaa ngu koraa: adwamammɔ, afideɛyɔ, sɛ bi ɔɔma n’akɔnnɔ ahyɛ ne so, akɔnnɔ bɔne ne adufudepɛ a ɔyɛ abosonsom.


na mmom mehyɛ me nipadua he dene na ama matumi ahyɛ me ho so, sɛ ɔbɛyɔ a meeka asɛm akyerɛ binom he, ankɔba sɛ bebeyi me totwene.


Yenim sɛ bɛabɔ yɛ nipadua dada ne no asennua mu sɛnea ɔbɛyɛ a bɔne nipadua he bɛsɛe, na yɛankɔ so anyɔ bɔne nkoa.


Na bɛ a bɛyɛ Kristo Yesu deɛ he, bɛabɔ honam ne n’akɔnnɔ asennua mu.


Na sɛ benya wiase nyinaa na ɔhwere ne nkwa a, mmɛ mfasoɔ ne obenya?


Na binom ya hɔ a bɛwoo bɛ he na bɛ ho nni hɔ, na binom nso ya hɔ a, nnipa ne ama bɛ ayɛ saa, na binom so ya hɔ a bɛ ankasa, ne soro ahennie he nti, bɛayɔ ama bɛ ho nni hɔ. Deɛ obetumi agye yei he, ɔnye.”


Honnsuro bɛ a beku honam nso bentumi nku kra; na mmom honsuro deɛ obetumi asɛe honhom ne honam bronsam gya mu.


Ho, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ, honnue! Efiri sɛ, hotware po ne asaase kɔ sɛ hokɔsakra nipa baako, na homa saa nipa he bɛyɛ ho fekuoni; na sɛ ɔyɛ a, homma ɔbɛfata brosamgyam amanehunu mprenu sɛ ho ankasa.


Na sɛ bi nya wiase nyinaa na ohwere ne kra a mmɛ mfasoɔ ne obenya? Anaa mmɛ ne bi bɛma de asesa ne kra?


Na me deɛ meeka akyerɛ ho sɛ, sɛ wo bo fu wo nua a, wobedi fɔ atemmuo mu; wodi wo nua atɛm sɛ nipahunu a wobedi fɔ mpanyimfoɔ atitire he asɛniiɛ; na sɛ woka sɛ, ‘Woyɛ kwasea’ a, wobedi fɔ akɔ gya a onnum da mu.


Awɔ, anankatia mma! Hobɛyɛ dɛ adwane atemmuo a ɔde hobɛkɔ bronsam gya mu he?


Na mmom mɛkyerɛ ho nea honsuro no. Honsuro nea oku wie a ɔwɔ tumi sɛ ɔbɛto agu Gehenna (amanehunu kurom). Ampa! Meeka akyerɛ ho sɛ: Ɔno ne honsuro no.


Na sɛ wo nsa nifa to wo sintidua a, twa firi hɔ na to twene; ɔyɛ ma wo sɛ wobɛhwere akwaa baako kyɛne sɛ bɛde nipadua he nyinaa bɛto amanehunu gya mu.”


Nhyira ne deɛ mennto bɛ sintidua.”


Nso sɛdeɛ ɔbɛyɔ na yɛnnto sintidua nti, kɔ po so koto doraa; na adwene a wobedi kane ayi no he bie n’anum a, na wobehu dwetɛ; fa kɔma bɛ sɛ me ne wo toɔ.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite