Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 5:26 - Apam Foforɔ

26 Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho, wonnya kwane mmfiri kosi sɛ wobetua wo kaprɛ a aka wo nsam he ansa.”

Gade chapit la Kopi




Mateo 5:26
10 Referans Kwoze  

Na ne wura he de abufuo de no hyɛɛ ahohiahiafoɔ nsa, kosi sɛ obetua ne ka a ɔde no nyinaa.


Meeka akyerɛ wo sɛ, womfiri hɔ nkɔ gye sɛ woatua ka biaa a ɔsɛ sɛ wo tua ansa.”


efiri sɛ, atemmuo berɛ he, Nyankopɔn onhu biaa a wanhu afoforɔ mmɔbɔ he mmɔbɔ, nso mmɔborɔhunu di atemmuo so nkunim.


Yeinom benya daa sɛeɛ ho asotwe, na bɛayi bɛ afiri Awurade anim ne ne tumi animuonyam ho,


Na yeinom nyinaa akyi he, bɛde kuu kɛseɛ ato yɛ ne ho ntam, nti bɛ a bɛpɛ sɛ befiri ha ba ho nkyɛne he ntumi, na bɛ a bɛpɛ sɛ befiri hɔ ba yɛ nkyɛne he nso ntumi.’


Na yeinom befiri hɔ akɔ daa asotwe mu, na ateneneefoɔ he bɛkɔ daa nkwa mu.”


Na ɔbɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nsa benkum so he sɛ, ‘Ho a bɛadome ho, homfiri me so nkɔ daa gya a bɛasiesie ama Bronsam ne n’abɔfoɔ he mu;


Bɛnntɔno mpatuprɛ mmienu nnye kaprɛ anaa? Nso bɛ mu baako mpo nkwati ho Agya ntɔ fam.


Nso baa kunafoɔ hiani bi deɛ ɔde nkaprɛ mma mmienu a ɔnsom bo biaa beguu mu.


Sɛ wo ne wo nkurobɔfoɔ ookodi asɛm tumfoɔ bi hɔ a, honam kwane so ɔɔkɔ he, bɔ mmɔdene sɛ wobesiesie wo ne no ntam, na wantwe wo ankɔ temmufoɔ he anim, na temmufoɔ he amfa woanhyɛ asennibea sohwɛfoɔ nsa, na asennibea sohwɛfoɔ he amfa wo ankɔto afiase.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite