23 Nti sɛ wode afɔrebɔdeɛ ba afɔrebokyia ho, na wokae sɛ wo nua wɔ bibi tia wo a,
“Berɛ biaa a hobɛsɔre sɛ hoobɔ mpaeɛ he, homfa bɛ a howɔ bibi tia bɛ bɔne nkyɛ bɛ, na ho soro Agya nso de ho mfomsoɔ akyɛ ho.”
nea odi kane a ɔsɛ sɛ woyɔ ne sɛ, gya w’afɔrebɔdeɛ he afɔrebokyia he so na wo ne no nkobom, na ɔno akyi he woasane aba abɛbɔ w’afɔdeɛ.
Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ na woanka ankyerɛ nipa biaa; afei kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ sɔfo, na bɔ afɔdeɛ a Mose hyɛeɛ he, na ɔnyɛ adansedie mma bɛ.”
Ho ani afira paa! Na deɛ ɔya he ne sombo, akyɛdeɛ he anaa afɔrebokyia a ɔma akyɛdeɛ he ho te he?
Na Sakeo sɔre gyinaeɛ ka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Oo! Awurade, mede m’ahodeɛ fã ma ahiafoɔ na adeɛ biaa mede nkontompo agye afiri bi hɔ he, mɛbɔ adekorɔ he ho mprɛ nnan ama oni korɔ he.”