Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 5:22 - Apam Foforɔ

22 Na me deɛ meeka akyerɛ ho sɛ, sɛ wo bo fu wo nua a, wobedi fɔ atemmuo mu; wodi wo nua atɛm sɛ nipahunu a wobedi fɔ mpanyimfoɔ atitire he asɛniiɛ; na sɛ woka sɛ, ‘Woyɛ kwasea’ a, wobedi fɔ akɔ gya a onnum da mu.

Gade chapit la Kopi




Mateo 5:22
93 Referans Kwoze  

Biaa a ɔka sɛ ɔya hann he mu, nso ɔtane ne nua he da so ya sum mu.


Na kɛtrɛma te sɛ gya; ɔyɛ nipadua akwaa a ɔte sɛ kuro a amumuyɔ ahyɛ mu ma, efiri sɛ, ɔde nkekaeɛ ba nipadua he nyinaa ho, na ɔde gya to asetena kwane nyinaa mu, na amanehunu kuro he mu ne ɔsɔ gya he.


bɛnnka biaa ho asɛmmɔne, bɛnnyɛ ntɔkwapɛfoɔ, ɔsɛ sɛ bɛ dwo na bɛde anidie ma nnipa biaa,


Honnsuro bɛ a beku honam nso bentumi nku kra; na mmom honsuro deɛ obetumi asɛe honhom ne honam bronsam gya mu.


Saa ne m’Agya a ɔya soro he so bɛyɔ ho mu bi a wamfiri n’akoma mu amfa ankyɛ ne nua.”


Hommfa bɔne ntua bɔne so ka, na hommfa yea nso ntua yea so ka. Na mmom daa, honhyirahyira, efiri sɛ, ɔno ne bɛma ho anya nhyira.


homfa nteaseɛ nnodɔ ho ho yie; homfa anidie mmɔho mma ho ho.


Bedidii no atɛm he, wammua bɛ. Ohuu amane he, wampoopoo n’ani, na mmom ɔde n’asɛm hyɛɛ deɛ obu atɛntenenee he nsa.


Na Petro baa ne nkyɛne bebisaa no sɛ, “Awurade, mprɛ dodoɔ sɛ ne me nua yɔ bɔne tia me a me mfa nkyɛ no? Onkoduru mprɛ nson?”


Nso berɛ a bɔfo-panyini Mikael ne bronsam ɔɔpere Mose amu so a akasakasaa sii bɛ ntam he mpo, bɔfoɔ Mikael anyɔ n’adwene sɛ ɔbɛka asɛmmɔne abu no atɛne, na mmom asɛm a ɔkaeɛaa ne sɛ, “Awurade nka w’anim!”


Nsosonoeɛ a ɔda Nyankopɔn mma ne Bronsam mma ntam ne sɛ, biaa a ɔnyɔ deɛ ɔtene anaa ɔnnɔ ne nua he mfiri Nyankopɔn.


Nso Epikurofoɔ ne Stoafoɔ nyansapɛfoɔ bi ne no dii anobaabaeɛ, na binom kaa sɛ, “Mmɛ ne kasatentene wura yi pɛ sɛ ɔkyerɛ koraa yi?” Na binom nso kaa sɛ, “Gyama ɔka ananafoɔ abosom ho asɛm.” (Efiri sɛ, na ɔɔka Yesu ne wusɔreɛ he ho asɛmpa.)


sɛ biaa nyɔ ne nua bɔne anaa onsisi no asɛm yi mu, efiri sɛ Awurade yɛ katuafoɔ nnoɔma yeinom nyinaa mu, sɛnea yɛadi kane aka akyerɛ ho anibereɛ so he.


Afei asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne badwa he nyinaa hwehwɛɛ adanseɛ tia Yesu na bɛagyina so aku no; nso bɛanya bi.


Afei asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne badwa he nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adansekunumu, na bɛagyina so de aku no,


Nti asɔfo mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he maa bekohyiaa abadwafoɔ he, na bɛkaa sɛ, “Mmɛ ne yɛbɛyɔ efiri sɛ nipa yi ɔɔyɔ nsɛnkyerɛnne pii?


Na bɛtoo Wuo ne Asamando guu gya tadeɛ he mu. Saa gya tadeɛ yi ne wuprenu he.


Saa Mose yi ne ka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Nyankopɔn beyi diyifoɔ bi a ɔte sɛ me afiri ho nuanom mu ama ho.’


Na mmom mɛkyerɛ ho nea honsuro no. Honsuro nea oku wie a ɔwɔ tumi sɛ ɔbɛto agu Gehenna (amanehunu kurom). Ampa! Meeka akyerɛ ho sɛ: Ɔno ne honsuro no.


Na me deɛ meeka akyerɛ ho sɛ, Honnɔ ho atamfoɔ na hommɔ mpaeɛ mma bɛ a bɛtaa ho,


Na me deɛ meeka akyerɛ ho sɛ, Nka ntam koraa, mfa soro nka ntam, efiri sɛ ɔyɛ Nyankopɔn ahennwa,


Na nne bi firi soro kaa sɛ, “Yei ne me dɔ Ba a ɔsɔ m’ani.”


Sɛ bi hu sɛ ne nua ayɔ bɔne bi a ɔmfa no nkɔ wuo mu a, ɔmmɔ Nyankopɔn a ɔbɛma no nkwa he mpaeɛ mma no. Yei ka bɛ a bɛ bɔne mfa bɛ nkɔ wuo mu he ho. Bɔne bi ya hɔ a ɔde nipa kɔ wuo mu na ɔno ho deɛ, menka sɛ hommɔ ho mpaeɛ nkyerɛ Nyankopɔn.


O! nipa hunu, nti wopɛ sɛ bi ne nna no adi nkyerɛ wo sɛ gyidie a nnwuma nka ho he awu anaa?


Honhwɛ yie na hoampo deɛ ɔɔkasa he; na sɛ bɛ a bɛpoo kɔkɔbɔ a bɛte firii asaase yi so he antumi annwane a, ɔbɛyɛ dɛ ne yɛ a yɛate kɔkɔbɔ a ofiri soro he betumi adwane?


na owiee pɛyɛ he, ɔbɛyɛɛ daa nkwa farebae maa bɛ a bɛyɛ setie ma no he nyinaa,


akorɔmfoɔ, aniberefoɔ, nsaborofoɔ, ntɔkwapɛfoɔ, akwamukafoɔ, yei no mu bi a onnya Nyankopɔn ahennie.


Mmɛ nti ne nua de nua kɔ asennibea, bɛ a bɛnnye nni anim?


Afei bɛde bɛ begyinaa Yudafoɔ abadwakuo kɛseɛ a bɛfrɛ no Sanhedrin he anim. Na sɔfo panyini he bisabisaa bɛ nsɛm


Na ɔno ne ɔbɛma asɛm a bɛatwerɛ bɛ mmara he mu aba mu sɛ, ‘Bɛtane me tane hunu.’


Yudafoɔ he buaa no sɛ, “Sɛ yɛka sɛ woyɛ Samariani na wowɔ honhommɔne a, ɔnyɛ nɔkorɛ?”


Nnipa he buaa sɛ, “Wowɔ honhommɔne; hwane ne ɔɔhwehwɛ wo aku wo?”


Na afei, adeɛ kyee anɔpa tutuutu he, asɔfoɔ mpayimfoɔ, mane he mu mpanyimfoɔ, atwerɛfoɔ ne abadwafoɔ he nyinaa tuu agyina. Bɛkyekyeree Yesu de no kɔeɛ na bɛde no kɔhyɛɛ Pilato nsa.


Na ɔbɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nsa benkum so he sɛ, ‘Ho a bɛadome ho, homfiri me so nkɔ daa gya a bɛasiesie ama Bronsam ne n’abɔfoɔ he mu;


Awɔ, anankatia mma! Hobɛyɛ dɛ adwane atemmuo a ɔde hobɛkɔ bronsam gya mu he?


Ho, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ, honnue! Efiri sɛ, hotware po ne asaase kɔ sɛ hokɔsakra nipa baako, na homa saa nipa he bɛyɛ ho fekuoni; na sɛ ɔyɛ a, homma ɔbɛfata brosamgyam amanehunu mprenu sɛ ho ankasa.


Berɛ a ogu so ɔɔkasa he, amonom hɔaa mununkum bi a ɔhyerɛn bɛkataa bɛ so, na nne bi firi mununkum he mu kaa sɛ, “Yei ne me Ba, deɛ medɔ no he; ɔno ne sɔ m’ani; hontie no!”


Nso Farisifoɔ he teeɛ he, bɛkaa sɛ, “Yei deɛ ɔnyɛ hwee sɛ Beelsebul tumi ne beema yi de tutu ahonhommɔne.”


Honhwɛ ho ho yie bɛ ho, efiri sɛ bɛde ho bɛma badwafoɔ na bɛahwe ho bɛ hyia adane mu;


Na adeɛ kyeeɛ he, mane he mpanyimfoɔ abadwakuo he, asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he nyinaa ka boom, na bɛde no kogyinaa bɛ asennibea kaa sɛ.


Na bɛhyɛɛ bɛ sɛ bemfiri dwa he mu mfiri adi, na betuu agyina.


Na bɛtee yei he, bɛkɔɔ asɔredane he mu ahemakye, na bɛkɔɔ so kyerɛkyerɛeɛ. Na sɔfo panyini he ne bɛ a bɛka ne ho he beduruiɛ he, bɛfrɛɛ abadwakuo he ne Israel mpanyimfoɔ nyinaa behyiaeɛ, na bɛsoma ma bɛkɔɔ afiase hɔ sɛ bɛnkɔfa bɛ mmra.


Na behwanyanee nnipa he ne mpanyimfoɔ he ne atwerɛfoɔ he maa bɛbaa no so mpofirem bɛkyee no kɔmaa Sanhedrin he.


Berɛ a bɛ a bɛte Sanhedrin badwa he mu nyinaa hwɛɛ no dinn he, behuu sɛ n’anim te sɛ bɔfoɔ anim.


Nti adeɛ kyeeɛ he, pɛɛ sɛ ohu adekorɔ pɔtee a nti Yudafoɔ he abɔ no so soboɔ he, ɔsanee no na ɔhyɛɛ asɔfo mpanyimfoɔ he ne Sanhedrin he nyinaa ma behyiaam. Na ɔde Paulo begyinaa bɛ mfimfini.


Paulo hwɛɛ Sanhedrin badwa he gyee kaa sɛ, “Anuanom, mede ahonim pa abɔ me bra Nyankopɔn anim abesi nnɛ da yi.”


Anaa, ma mmeema yi ankasa nka bɔne a behuu sɛ meyɔeɛ berɛ a na megyina Sanhedrin he anim he.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite