Yesu buaa bɛ sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, Ba he ankasa ntumi mmɔ ne ti mu nyɔ hwee, gye sɛ nea ohu sɛ Agya he yɔ, efiri sɛ bibiaa Agya he yɔ he, ɔno ne Ba he nso yɔ.
Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho gyidie a osua nti a. Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, sɛ howɔ gyidie a ne kɛseɛ te sɛ sinapi aba a, nka hoka kyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tu firi ha kɔ ha a,’ obetutu; na bibiaa nni hɔ a hoontumi nyɔ.”
“Nti sɛ wooyɔ adɔeɛ adeɛ a, mmɔ dawuro nni w’anim, sɛnea nyaatwomfoɔ he yɔ no hyiadane mu ne mmɔntene so he, sɛdeɛ bebenya nipa anim animuonyam. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho, bɛanya ba akatua dada.
Nɔkwasɛm paa ne sɛ, woyɛ abranteɛ he na wode abɔsoɔ bɔ wo mu nante kɔ baabiaa a w’ankasa wopɛ. Nso sɛ wobɔ akɔkora a, wobɛtene wo nsa na bi de abɔsoɔ abɔ wo mu, na ɔde wo akɔ baabi a wompɛ sɛ wokɔ.
Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, nea ɔgye me di he, nnwuma a meyɔ he ɔno nso bɛyɔ bi, na ɔbɛyɔ nnwuma bebree asene yeinom, efiri sɛ, me deɛ meekɔ Agya he nkyɛne.
Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, ɔnyɛ Mose ne maa ho paanoo a ofiri soro he, na mmom m’Agya ne maa ho paanoo kann a ofiri soro he.
Nhyira ne nkoa a bɛ wura he bɛba abehu bɛ sɛ begu so ɔɔwɛne! Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, ɔbɛbɔ n’abɔsoɔ, na wama bɛatenatena didipono ho na waba abɛsom bɛ.
efiri Habel mogyaa so kosi Sakaria a bekuu no afɔrebokyia he ntomadane he ntam he mogyaa so.’ Ɛɛ, meka akyerɛ ho sɛ bebebisa afiri awo ntoatoaso yi hɔ.
Meeka akyerɛ ho nɔkorem sɛ, sɛ hoka kyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔ soro na kɔhwe po mu,’ na sɛ hoannye akyinnye ho akoma mu, na mmom hogye di sɛ nea hoaka he bɛyɔ hɔ a, ɔbɛyɔ hɔ ama ho.
Yesu kaa sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorem, biaa nni hɔ a wagya fie anaa nua mmeema, anaa nua mmaa, anaa maame, anaa papa, anaa mma ne nsaase, ɔnam me ne asɛmpa he nti,
Hohwɛ a bɛ mmienu mu hwane ne yɔɔ ne papa he apɛdeɛ?” Bebuaa sɛ, “Deɛ odi kane he a.” Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, togyefoɔ ne adwamammɔfoɔ oodi ho anim kane Nyankopɔn ahennie mu,
Yesu buaa sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ howɔ gyidie na honnye akyinnye a, nka nyɛ deɛ meyɔɔ borɔdoma dua yi nkoaa ne hobɛyɔ, na mmom sɛ hoka kyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kogu po mu a,’ ɔbɛyɔ hɔ.
Yesu buaa bɛ sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ Nipa Ba he tena n’animuonyam adwa so a, na nnoɔma nyinaa yɛ foforɔ a, ho a hoadi m’akyi yi nso ho bɛtena ahennwa dummienu so, abu Israel mmusuakuo dummienu he atɛne.