17 Honnwene sɛ maaba sɛ meebeyi mmara ne adiyifoɔ he hɔ; mamma sɛ meebeyi no hɔ, na mmom maaba sɛ meebɛma no aba mu pefee.
Na Kristo mu ne mmara he nyinaa wie pɛyɛ, nti bɛnam ne so de tenenee ma nea ɔbɛgye adi biaa.
Nso, ɔmmerɛ sɛ soro ne asaase betwam akɔ kyɛne sɛ mmara he mu ntwerɛdeɛ he bi ho nsensaneɛ baako mpo bɛtɔ fam.
sɛnea ɔbɛyɛ a nnepa a mmara he hwehwɛ sɛ yɛyɔ he bɛba mu, ya yɛ a yɛnnante honam fam, na mmom yɛnante Honhom fam he abrabɔ mu;
Ɔsɛ sɛ yɛde saa gyidie he tu mmara he gu anaa? Daabi da! Na mmom, yɛma mmara he ase tim.
Nti adeɛ biaa a hopɛ sɛ nnipa yɔ ma ho he, honyɔ saa mma bɛ; na yei ne nea mmara he ne adiyifoɔ he ka.
Nso Yesu buaa no sɛ, “Ma ɔnyɛ saa, ɔyɛ ma yɛ sɛ yɛhyɛ tenenee nyinaa ma.” Na Yohane penee so maa no.
kɔkaa sɛ, “Saa nipa yi dane nkurofoɔ adwene ma bɛfa kwane foforɔ a ɔne mmara he bɔ abira so som Nyankopɔn.”
Na bɛmaa adansekunumufoɔ bɛkaa sɛ, “Beema yi nnyae nsɛm a ɔka tia kronkronbea yi ne Mmara he;
Mose hyɛɛ yɛ mmara he mu sɛ, yensi mmaa a bɛ te saa he aboɔ. Na wo nso ɛɛne ne wooka?”
teateaam sɛ, “Israel mmeema, hommɛboa yɛ! Yei ne kyerɛkyerɛ nnipa nyinaa ya baabiaa de sɔre tia mane he ne Mmara ne bea yi, na nea ɔkyɛne ne nyinaa ne sɛ, ɔde Helafoɔ baa asɔrefie ha de beguu kronkronbea yi ho fi.”