Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 5:16 - Apam Foforɔ

16 Ne saa nti homma ho kanea nhyerɛn mma nnipa nyinaa, na bɛahu ho nnwuma pa na bɛahyɛ ho Agya a ɔya soro he animuonyam.

Gade chapit la Kopi




Mateo 5:16
42 Referans Kwoze  

Hommɔ bra pa ya amanamane mufoɔ a hofra bɛ mu he mu, na sɛ bɛka ho ho nsɛm sɛ hoyɛ nnebɔnyɛfoɔ a, bɛahu ho papa a hoayɔ he nso nam so ahyɛ Nyankopɔn animuonyam, “nsrada” he.


Na bibiaa mu he, yi wo ho adi sɛ nnwuma pa nhwɛsoɔ, nkyerɛkyerɛ mu yi pɛyɛ, animuduro,


Nea ɔhyɛ m’Agya animuonyam ne sɛ hobɛkɔ so aso aba bebree na hoada ho ho adi sɛ m’asuafoɔ.


Na kane he na hoyɛ sum, nso afei deɛ hoyɛ hann Awurade mu, nti hommɔ ho bra sɛ hann mma—


dwoɔ ne anidie kwane so. Honkura ahonim pa mu na bɛ a bɛka ho Kristo mu abrabɔ pa ho nsɛmmɔne he ani awu asɛm a bɛka tia ho he ho.


Nhyira nka ho sɛ Kristo dini nti bɛya ho, efiri sɛ animuonyam honhom a ɔyɛ Nyankopɔn honhom he ya ho so.


Na ho deɛ, hoyɛ abusua a bɛayi ho, sɛ adehyeɛ asɔfokuo, mane kronkron, Nyankopɔn ankasa nkurofoɔ a bɛayi ho sɛ honka n’anwanwadwuma he ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ ho firi sum mu baa ɔno ankasa hann nwanwasono he mu.


Na ma yɛ nkurofoɔ nsua sɛ bebetu bɛ ho asi hɔ ama nnwuma pa na bɛde aboa nnoɔma a ohia paa, na bɛanyɛ nnipa a mfasoɔ nni bɛ so.


Ɔsɛ sɛ bɛyɔ papa, na bennya bɛ ho nnwuma pa fam; bɛ nsɛm ngo na bɛnkyɛ adeɛ fɛ so,


Esiane som yi ho adanseɛ nti, bɛhyɛ Nyankopɔn animuonyam ho setie a hode ka Kristo asɛmpa he nti, na afei ho yi ho yam yi ntoboa de kɔma bɛ ne nnipa nyinaa,


Nti seesei yɛabɛyɛ abɔdeɛ a Nyankopɔn bɔɔ yɛ Kristo mu maa nnwuma pa a wasiesie ato hɔ dadaada sɛ yɛmma yɛ abrabɔ nyɛ saa he.


Na homma yɛnhwɛ sɛ yɛbɛkanyane yɛ ho yɛ ho na yɛadodɔ yɛ ho yɛ ho; na yɛmfa nnwuma pa nsom yɛ ho yɛ ho,


Sɛ bi ɔɔka asɛm a ɔnka Nyankopɔn asɛm. Biaa a ɔsom he, mfa ahoɔdene a Nyankopɔn de ma no he nsom sɛnea bibiaa mu, bɛbɛfa Yesu Kristo so ahyɛ Nyankopɔn a animuonyam ne tumi wɔ no daadaa he animuonyam. Amen!


sɛ honnante sɛnea ɔsɛ Nyankopɔn a wafrɛ ho akɔ n’ahenie ne n’animuonyam mu he.


Saa nso ne ho, ayerenom, ɔsɛ sɛ hobrɛ ho ho ase ma ho kununom sɛnea ɔbɛyɛ a sɛ bɛ mu bi nnye asɛm he nni a, ho subane pa he bɛtwetwe no ama no agye asɛm he adi,


Na suani bi ya Yopa a bɛfrɛ no Tabita, a Helafoɔ ka no Doka. Na nnwuma pa ne adɔeɛ ahyɛ no ma.


Saa nso ne nnwuma pa nso da adi pefee; na sɛ anyɛ saa mpo a onhinta afebɔɔ.


saa ne bɛma ho ayɛ ho Agya a ɔya soro he mma; efiri sɛ ɔma awia pie abɔnefoɔ ne ateneneefoɔ so, na ɔtɔ nsuo gu ateneneefoɔ ne bɛ a bɛnnyɛ ateneneefoɔ so.


Ɔno ne de ne ho maeɛ ɔnam yɛ nti sɛ ɔbɛgye yɛ afiri amumuyɔ nyinaa mu na wate yɛ ho afa yɛ ayɛ ɔno ankasa ne nkurofoɔ a bɛbɔ mmɔdene nwuma pa mu.


ɔsɛ sɛ bedi ne ho adanse-pa, sɛ ɔyɛ bi a watete mmɔfra, ayɔ ahɔhoyɛ, asom agyidifoɔ he ahobrɛaseɛ mu (ahohoro ahoteefoɔ he nane ase), aboa bɛ a bɛwɔ amaneɛ mu, na ɔde ne ho ama papayɔ adeɛ nyinaa mu.


na mmom nnwuma pa mu, sɛnea ɔfata mmaa a bɛde anidie ma Nyankopɔn.


Na me nti bɛhyɛɛ Nyankopɔn animuonyam.


Nso berɛ a yɛ Agyenkwa Nyankopɔn nnepa ne n’ayamyɛ daa adi he,


Na deɛ ɔnye nni he, sɛ n’ahintasɛm da adi a, ɔkoto de n’anim butu fam, Nyankopɔn anim ne ɔsom no pae mu ka sɛ, ampa Nyankopɔn ne ho ya hɔ.


Nti ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Berɛ biaa a hobɛbɔ mpaeɛ he, honka sɛ, “Agya, anidie nka wo dini. W’ahennie mmra.


Berɛ a nnipadɔm he huu yei he, bɛ ho dwirii bɛ, na bɛhyɛɛ Nyankopɔn a ɔde tumi a ɔte sei ama nnipa he animuonyam.


Na bɛyɔ bɛ nnwuma nyinaa sɛ ɔbɛyɛ a nipa behu bɛ. Na bɛyɔ bɛ nkaeɛ nwoma atɛtrɛtɛ, na bɛyɔ bɛ ntaadeɛ ano nso akɛseɛ.


“Na sɛ hoodi mmuada a, honnyɔ ho anim bosaa sɛ nyaatwomfoɔ he, efiri sɛ bɛyɔ bɛ anim bosaa sɛ ɔbɛyɔ a nnipa behu bɛ sɛ beedi mmuada. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, bɛanya bɛ akatua dada.


Na hommfrɛ biaa ho Agya asaase so, efiri sɛ, howɔ Agya baako, deɛ ɔya soro he.


Nti hommɔ mpaeɛ sɛ: Yɛ Agya a woya soro, anidie nka wo dini,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite