Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 5:15 - Apam Foforɔ

15 Nipa biaa nsɔ kanea mmfa nnhyɛ atam ase, na mmom bɛde si kanea dua so, na ahyerɛn ama nnipa a bɛya fie hɔ nyinaa.

Gade chapit la Kopi




Mateo 5:15
10 Referans Kwoze  

Hohwɛeɛ yi, bɛde kanea ba sɛ bɛ ɔɔbɛhyɛ atam anaa mpa ase, a ɔnyɛ kanea dua so ne bɛde oobisi?


“Sɛ bi sɔ kanea a, ɔmfa nsi kokoam, saa ara nso ne ɔmfa nhyɛ kodoɔ ase, na mmom ɔde si kaneadua so, sɛnea bɛ a bɛba mu he behu hann he.


“Biaa nni hɔ a ɔsɔ kanea a, ɔde adeɛ bɛkata so anaa ɔde besi mpa ase, na mmom ɔde si kaneadua so, na ama bɛ a bɛba mu he ahu hann he.


Nti, sɛ wo nipadua nyinaa hyerɛn na baabiaa nyɛ sum a, ne nyinaa bɛhyerɛn te sɛ nea kanea hyerɛn ma benya hann he.”


na ho ho amma asɛm biaa, na hoadi bem, sɛ Nyankopɔn mma a nkekaeɛ nni bɛ ho, nnɛ abusua a bɔne ahyɛ bɛ ma na bɛamane afiri wiase a hohyerɛn mu sɛ nsoromma,


Na besii ntomadane he mu pie, mekyerɛ deɛ bedi kane wuram ansa na bɛawura nea ɔtɔ so mmienu he mu. Saa dane yi mu ne na kaneadua, didi-pono ne Kyerɛ-paanoo he ya; hɔ ne bɛfrɛ no Kronkronbea he.


Kae baabi a wofiri hwee ase. Sakra w’adwene firi bɔne ho na yɔ sɛnea kane he na woyɔ he. Sɛ woansakra amfiri wo bɔne ho a, mɛba wo nkyɛne abeyi wo kaneadua he afiri ne sibrɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite