Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 5:12 - Apam Foforɔ

12 Homma ho ani nnye, efiri sɛ howɔ akatua kɛseɛ ya soro, na saa ne bɛtane adiyifoɔ a bedii ho anim kane he.

Gade chapit la Kopi




Mateo 5:12
51 Referans Kwoze  

Homma ho ani nnye na honni ahurusie saa da he, na hwɛ! Howɔ akatua ya soro, efiri sɛ saa adekoro yiaa ne bɛ agyanom de yɔɔ adiyifoɔ he.


Me nuanom, sɛ hohyia sɔhwɛ ahodoɔ biaa a, hommu no anigyeɛ,


Na honim sɛ Awurade nkyɛne ne hobenya agyapadeɛ sɛ ho akatua; na honhu sɛ Awurade Kristo ne ho som no.


Na mmom, homma ho ani nnye sɛ ho ne Kristo oohu amane sɛnea ho ani bɛgye na ho adi ahurusie da a n’animuonyam bɛda adi he.


Afei ho nti, m’ani gye m’ahohiahia mu, efiri sɛ, me honam mu amanehunu he da Kristo amanehunu he adi, ɔnam ne nipadua ne asafo he nti.


Na ɔnyɛ yei nkoaa, na mmom yɛhoahoa yɛ ho ya yɛ amanehunu mu, yenim sɛ amanehunu de yɔkoduru ba,


“Na Nipa Ba he de n’abɔfoɔ bɛba n’Agya animuonyam mu, na obetua nipa biaa ka sɛdeɛ n’adwuma teɛ.


Na sɛ gyidie nni hɔ a, biaa ntumi nsɔ Nyankopɔn ani, efiri sɛ ɔsɛ sɛ deɛ ɔba ne nkyɛne biaa gye di sɛ ɔya hɔ na ɔyɛ bɛ a bɛhwehwɛ n’akyi kwane he katuafoɔ.


bɛ a bekuu Awurade Yesu ne adiyifoɔ he, na bɛpamoo yɛ; bɛansɔ Nyankopɔn ani na bɛko tia biaa


Na mpo, sɛ ɔsɛ sɛ behwie me mogyaa gu sɛ beegu nsa ɔnam ho gyidie ne ho afɔrebɔ nti a, ɔma m’ani gye, na me ne ho nyinaa di ahurusie,


Na saa amanehunu kakra yi a yɛɛfam yi, oosiesie yɛ ama daa animuonyam a ɔboro adeɛ nyinaa so a yentumi mfa seesei amanehunu yi ntoto ho koraa,


Befirii Sanhedrin he anim kɔeɛ, na bɛ ani gyee sɛ Yesu dini nti bɛfata sɛ begu bɛ anim ase.


“Na sɛ hoodi mmuada a, honnyɔ ho anim bosaa sɛ nyaatwomfoɔ he, efiri sɛ bɛyɔ bɛ anim bosaa sɛ ɔbɛyɔ a nnipa behu bɛ sɛ beedi mmuada. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, bɛanya bɛ akatua dada.


Nea odua ne nea ogugu so nsuo nyinaa wɔ botaeɛ baako, na biaa benya akatua sɛnea n’adwuma teɛ,


Mmom, honnɔ ho atamfoɔ na honyɔ bɛ papa na homma afoforɔ bosea a ho ani nna so sɛ hobenya bibi akyire yi; na ho akatua bɛyɛ kɛseɛ, na hobɛyɛ Sorosoroni he mma, efiri sɛ ne yam yɛ ma boniayɛfoɔ ne abɔnefoɔ.


Na anadwo dasuom he, Paulo ne Silas bɔɔ mpaeɛ too nnwom yii Nyankopɔn ayɛ, na nneduafoɔ he tiee bɛ.


Yerusalem! Yerusalem! Wo a woku adiyifoɔ na wosi bɛ a bɛasoma bɛ wo nkyɛne aboɔ; hwɛ mprɛ dodoɔ a mepɛɛ sɛ meboaboa wo manfoɔ ano sɛnea akokɔbaatane boaboa ne mma ano hyɛ ne ntabane ase, nso woampene so!


Obuu amaneɛ a Kristo nti obehu he kyɛnee Misraim ahonyadeɛ, efiri sɛ na ɔɔhwɛ akatua a ɔda n’anim he kwane.


efiri sɛ, ɔnam adom so ama ho akwannya sɛ Kristo nti, ɔnyɛ ne mu gyidie nko ne hobenya, na mmom sɛ hobehu amane ama no nso.


Na honyaa tema maa nneduafoɔ, na hode anigyeɛ penee so maa bɛfom ho agyapadeɛ, efiri sɛ honim sɛ ho ankasa howɔ agyapadeɛ a odi mu, na ɔbɛtena hɔ daa.


yeinom ne nam gyidie so dii ahennie so nkunim, hwɛɛ sɛ atɛntenenee bɛyɔ adwuma, bɛ nsa kaa bɔhyɛ, mmua gyata ano,


Adɔfonom, homma adiyifoɔ a bɛkasaa Awurade dini mu he nyɛ nhwɛsoɔ ma ho ya amanehunu ne boasetɔ ho.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite