Na ɔne bɛ sane begyinaa baabi a hɔ da so, na n’asuafoɔ pii, ne nnipadɔm a befiri Yudea ne Yerusalem, ne Tiro ne Sidon mpoano nyinaa baa sɛ beebetie no na wasa bɛ yadeɛ.
Homeda he, ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ hyiadane mu, na dodoɔ a bɛtee ne nkyerɛkyerɛɛ he nyinaa ho dwirii bɛ. Bebisaa sɛ, “Hefa ne beema yi nyaa yeinom nyinaa? Mmɛ nyansa ne bɛde ama no yi? Mmɛ tumi-nnwuma ne ne nsa ɔɔyɔ yi!