Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 4:24 - Apam Foforɔ

24 Nti ne ho asɛm trɛɛ Siria nyinaa, na bɛde ayarefoɔ, bɛ a bɛyare yadeɛ ahodoɔ ne bɛ a bɛ honam tutu bɛ, ne bɛ a honhom fi ne twerɛ ya bɛ so, ɔne mmubuafoɔ nyinaa, baa ne nkyɛne. Na ɔsaa bɛ nyinaa yadeɛ.

Gade chapit la Kopi




Mateo 4:24
41 Referans Kwoze  

kaa sɛ, “Awurade, hu me ba yi mmɔbɔ, na ɔyare twerɛ, na oohu amane; na ɔtaa tɔ gya ne nsuo mu.


sɛ, “Awurade, m’akoa abubu gu fie a ohu amane paa.”


Nso ne ho asɛm trɛɛ pii, na nnipakuo pii baeɛ sɛ beebetie no na wasa bɛ yadeɛ afiri bɛ nyarewa ahodoɔ nyinaa mu.


Yei ne nnipa-kane na odi kane; na ɔkɔɔ so berɛ a na Kirenio yɛ Siria amrado he.


Na Yesu teatea honhommɔne he, na ofirii ne mu, na abɔfra he nyaa ayaresa saa berɛ heaa.


Na amonom hɔaa, Kanaanni baa bi a ofiri mpɔtamu hɔ ba bɛteateam sɛ, “Hu me mmɔbɔ, Awurade, Dawid Ba; honhommɔne ɔɔha me babaa.”


Na bɛde bi a ɔwɔ honhommɔne a ɔyɛ nifirani na ɔsane yɛ mum braa no; na ɔsaa no yadeɛ, na deɛ na nka ɔyɛ mum he kasaeɛ na ohuu adeɛ.


Yesu Nasareni he, Nyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi hyɛɛ no ma, na okyinikyinii asaase he so yɔɔ papa, na ɔsaa bɛ a Bronsam hyɛ bɛ so nyinaa yadeɛ, efiri sɛ na Nyankopɔn ka ne ho.


Na bɛde krataa maa bɛ a na mu nsɛm ne sɛ, “Anuanom, asomafoɔ ne mpanyimfoɔ he twerɛ krataa yi de kɔma agyidifoɔ a befiri amanamane a ɔya Antiokia ne Siria ne Kilikia. Yɛkyea ho.


Na nnipa binom baeɛ a na mu nnan so bubuani. Na bɛde no braa no.


Na saa da he anwummerɛ berɛ a awia kɔtɔeɛ he, bɛde bɛ a bɛyare anaa bɛwɔ ahonhommɔne nyinaa braa no.


Yesu kyinkyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛɛ bɛ hyia adane mu, na ɔpae mu kaa ahennie he ho asɛmpa na ɔsaa bɛ a bɛyare nyinaa yadeɛ.


Na ɔkɔfaa Siria ne Kilikia hyehyɛɛ asafo ahodoɔ he dene.


Afei Yesu a na Honhom he tumi ahyɛ no ma he sane kɔɔ Galilea. Na ne ho asɛm hyetaa nkuro a atwa hɔ ahyia he nyinaa mu.


Na ne ho asɛm firii hɔ trɛɛ ntɛm kɔɔ nsaase a atwa Galilea ho ahyia nyinaa so.


Saa berɛ he Herode a na ɔyɛ mantam sodifoɔ he tee Yesu ho asɛm;


Na binom nso kaa sɛ, “Nsɛm yi nyɛ nea ɔwɔ honhommɔne nsɛm. Honhommɔne betumi abie nifirani ani anaa?”


Afei Yesu kyinkyinii nkuro ne nkuraa nyinaa ase, kyerɛkyerɛ bɛ hyiadane mu, na ɔpae mu kaa ahennie he ho asɛmpa he, na ɔsaa yadeɛ ne ahoɔmmerɛ nyinaa.


Na yei ho amanebɔ trɛɛ mansini mu hɔ nyinaa.


Na Yesu duruu asuogya hɔ he, Gadarenefoɔ asaase so he, nnipa mmienu a bɛwɔ honhommɔne firi afunsieɛ behyiaa no. Na bɛ ho hu nti, na nnipa biaa ntumi ntwam saa kwane he so.


Na bɛ a bɛɛhwɛ mprakokuo he dwane kɔɔ kurom hɔ, kaa deɛ asi fa bɛ a na bɛwɔ ahohommɔne he ho kyerɛɛ bɛ.


Na berɛ a nnipa he nti bɛantumi amfa no amma Yesu nkyɛne he, bɛpaa dane he so, tuu tokuro dane he atifi, na begyeegyaa kɛtɛ he a bubuani he da so he mu besii fam.


Yei mu deɛhe ne ɔmmerɛ, sɛ bɛbɛka akyerɛ bubuani yi sɛ, ‘Bɛde wo bɔne akyɛ wo, anaa, Sɔre na fa wo kɛtɛ nante’?


Yesu sɔre firii hyiadane he mu he, ɔkɔɔ Simon fie. Na abunu akye Simon asebaa, na bɛsrɛɛ no sɛ ɔnhwɛ no.


Nso sɛ ɔbɛyɛ na hobehu sɛ Nipa Ba he wɔ tumi ya asaase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti​, Yesu ka kyerɛɛ bubuafoɔ he sɛ, “Meeka akyerɛ wo sɛ, sɔre fa wo kɛtɛ na kɔ wo fie!”


Na nnipa pii wɔ ahonhom fi, na ahonhom fi he de nne kɛseɛ teateam firii bɛ mu firiiɛ. Afei nso, mmubuafoɔ ne mpakye pii nyaa ayaresa.


Na Yesu ho asɛm yi trɛ kɔɔ Yudea nyinaa ne nkuro a atwa ho ahyia nyinaa mu.


Yei akyi he, supɔ he so nnipa a aka a bɛwɔ nyarewa nso firii aseɛ baa ne nkyɛne maa ɔsaa bɛ yadeɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite