Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 4:13 - Apam Foforɔ

13 Ofirii Nasaret na ɔkɔtenaa Kapernaum po he ho, Sebulon ne Naftali, mpɔtamu,

Gade chapit la Kopi




Mateo 4:13
17 Referans Kwoze  

Afei Yesu sane baa Kana a ɔya Galilea, baabi a ɔdanee nsuo nsa he bio. Na ahenkwaa panyini bi ya hɔ a ne ba yare ya Kapernaum.


Na bekoduru Kapernaum kurom. Na homeda duruiɛ he, ntɛmaa Yesu kɔɔ hyiadane he mu kɔkyerɛkyerɛeɛ.


Na wo Kapernaum nso, bɛbɛpegya wo akɔ soro anaa? Daabi da, bɛde wo bɛkɔ asamando. Efiri sɛ, bɛyɔɔ tumideɛ a bɛayɔ no wo mu he Sodom a, nka Sodom kuro he ya hɔ de besi nnɛ.


Ɔkaa saa nsɛm yi berɛ a na ɔɔkyerɛkyerɛ Kapernaum hyiadane mu.


Na nnipakuo he huu sɛ Yesu ne n’asuafoɔ he mu biaa nni hɔ he, bɛkɔtenatenaa kodoɔ nketewa mu baa Kapernaum bɛhwehwɛɛ Yesu.


na bɛforo tenaa kodoɔ bi mu sɛ beetwa po he akɔ Kapernaum. Saa berɛ he na sum ahyɛ dada, na Yesu nnya mmaa bɛ nkyɛne.


Yei akyi he Yesu ne ne maame, ne ne nuanom ne n’asuafoɔ he sane kɔɔ Kapernaum kodii nna kakra.


Beduruu Kapernaum he, bɛ a bɛgyegye asɔredane toɔ he baa Petro hɔ bebisaa no sɛ, “Nti wo kyerɛkyerɛfoɔ ntua asɔredane toɔ he bi anaa?”


Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ampa hobebu me bɛ yi sɛ, ‘Yaresafoɔ, sa wo ho yadeɛ, yɔ nnoɔma a yɛtee sɛ ɔkɔɔ so Kapernaum he bi woaa wo kurom ha nso.’ ”


sɛdeɛ ɔbɛyɛ a nkɔmhyɛ a ɔnam diyifoɔ Yesaia so baeɛ he bɛba mu sɛ:


“Sebulon asaase, Naftali asaase, po ho kwane so, Yordan agya amanamane mufoɔ Galilea—


Na ɔfaa kodoɔ twaa po he kɔɔ ɔnoaa ne kurom.


Na nna bi akyi he, Yesu sane kɔɔ Kapernaum; na benyaa nkra sɛ ɔya fie.


Na wo Kapernaum, bɛbɛma wo so akɔ soro anaa? Daabi! Asamando ne wobɛsiane akɔ!


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite