Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 3:7 - Apam Foforɔ

7 Nso ohuu Farisifoɔ ne Sadukifoɔ sɛ bɛɛba abɛbɔ asu he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho nankatia mma! Hwane ne bɔɔ ho kɔkɔ sɛ honnwane mfiri abufuo a ɔɔba he ho?

Gade chapit la Kopi




Mateo 3:7
49 Referans Kwoze  

Nankatia mma! Ɔbɛ yɛ dɛ na hoaka nsɛm pa, berɛ a hoyɛ abɔnefoɔ? Nea abu so akoma mu he ne ano ka.


sɛ hootwɛne ne Ba he afiri soro, deɛ onyane no firii awufoɔ mu he, mekyerɛ Yesu a ɔgye yɛ firi abufuo a ɔɔba mu he.


Na Nyankopɔn abufuo ayi adi atia bɛ a bɛde nnoɔma a ɔntene ne amumuyɔ berɛ nɔkorɛ he ase nyinaa.


Awɔ, anankatia mma! Hobɛyɛ dɛ adwane atemmuo a ɔde hobɛkɔ bronsam gya mu he?


Nea ɔka ho koraa ne sɛ, seesei bɛde ne mogyaa abu yɛ bem, bɛnam ne so bɛgye yɛ afiri Nyankopɔn abufuo mu.


Saa da heaa Sadukifoɔ a bɛ gyidie ne sɛ wusɔreɛ biaa nni hɔ he mu bi baa Yesu nkyɛne; na bebisaa no sɛ,


Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honhwɛ yie Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho.”


Nsosonoeɛ a ɔda Nyankopɔn mma ne Bronsam mma ntam ne sɛ, biaa a ɔnyɔ deɛ ɔtene anaa ɔnnɔ ne nua he mfiri Nyankopɔn.


Na Farisifoɔ he mu bi a na bɛ ne no ya hɔ tee asɛm yi, na bebisaa no sɛ, “Yɛ nso yɛyɛ anifirafoɔ anaa?”


Gyidie so ne Noah, mmerɛ a Nyankopɔn bɔɔ no kɔkɔ faa nnoɔma a obesi ho he, ɔde anidie gyee kɔkɔbɔ he too mu na ɔyɔɔ adaka de gyee ne fiefoɔ nkwa; Noah nam saa so buu wiase fɔ, na ɔnam ne gyidie so bɛyɛɛ tenenee adedifoɔ.


Benim me firi mmerɛtentene, na bɛpɛ a bebetumi adi ho adanseɛ sɛ, mebɔɔ mebra sɛnea yɛ som mu amanneɛ teɛ pɛpɛɛpɛ sɛ Farisini.


Nti honwɛne na honkae sɛ mfie mmeɛnsa di, awia ne anadwo, mannyae sɛ mede nisuo betu ho mu biaa fo.


Na Farisifoɔ he mu binom a bɛagye Nyankopɔn asɛm adi he sɔre kaa sɛ, “Ɔsɛ sɛ betwa bɛ twetia na bɛhyɛ bɛ sɛ benni Mose mmara so.”


Na sɔfo panyini he ne bɛ a bɛka ne ho nyinaa, Sadukifoɔ fekuo a na bɛya hɔ saa bere he sɔreeɛ, na ahoɔyea a ahyɛ bɛ ma nti,


Hofiri ho agya bronsam hɔ, na hopɛ sɛ hoyɔ ho Agya he apɛdeɛ. Ɔyɛ wudini firi mfitiaseɛ, na wannyina nɔkorɛ he mu efiri sɛ nɔkorɛ nni ne mu. Sɛ odi torɔ a, ofiri ɔno ankasa ne mu ne ba, efiri sɛ ɔyɛ torɔfoɔ ne atorɔ agya.


Na bɛasoma bɛ firi Farisifoɔ mu.


Farisini he sɔre gyinaeɛ, na ofirii aseɛ bɔɔ mpaeɛ ne tim sɛ, ‘Nyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka he, apoobɔfoɔ, bɛ a bɛntene, awaresɛefoɔ, anaa togyeni yei mpo.


Afei nso Farisifoɔ a bɛyɛ sikaniberɛ he tee yeinom nyinaa, na befirii aseɛ tweetwee no.


Nso Farisifoɔ ne bɛ a benim Mmara he ampene amma bɛammɔ bɛ asu. Na bɛyɔɔ saa de poo Nyankopɔn botae a ɔde ama bɛ he.)


Sadukifoɔ a bɛ gyidie kyerɛ bɛ sɛ wusɔreɛ nni hɔ he mu binom baa Yesu nkyɛne bebisaa no sɛ,


Na afei bɛsomaa Farisifoɔ ne Herodefoɔ bi ne nkyɛne sɛ benkosum no fidie ne kasaa mu.


Na ɔbɔɔ bɛ kɔkɔ sɛ, “Hwɛ! Honya ahweyie Farisifoɔ mmɔreka ne Herode mmɔreka ho.”


Afei berɛ a Farisifoɔ he tee sɛ Yesu aka Sadukifoɔ he ano atum he, behyia faako.


Na afei Farisifoɔ he kotuu agyina sɛ bebesum Yesu fidie asɛm a ɔbɛka ho.


Nso Farisifoɔ he teeɛ he, bɛkaa sɛ, “Yei deɛ ɔnyɛ hwee sɛ Beelsebul tumi ne beema yi de tutu ahonhommɔne.”


Meeka akyerɛ ho, sɛ ho tenenee ammoro atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ bɛ deɛ so a, honnya soro ahennie mu kwane da.


sɛdeɛ ɔbɛyɛ a ɔnam nnoɔma mmienu a ɔnsesa so, sɛ Nyankopɔn ntumi nni torɔ, na yɛ a yɛadwane abɛtoa no he benya nkuranhyɛ a mu ɔdene na yɛasɔ anidasoɔ a ɔda yɛ anim he mu.


Na asuafoɔ he baa ne nkyɛne bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Wonim sɛ Farisifoɔ he tee deɛ wokaeɛ yi ato bɛ sintidua?”


Na Farisifoɔ ne Sadukifoɔ baa Yesu nkyɛne sɛ bɛbɛsɔ no ahwɛ. Nti bɛka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɔ nsɛnkyerɛnne bi a ofiri soro nkyerɛ bɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite