Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 3:17 - Apam Foforɔ

17 Na nne bi firi soro kaa sɛ, “Yei ne me dɔ Ba a ɔsɔ m’ani.”

Gade chapit la Kopi




Mateo 3:17
18 Referans Kwoze  

Berɛ a ogu so ɔɔkasa he, amonom hɔaa mununkum bi a ɔhyerɛn bɛkataa bɛ so, na nne bi firi mununkum he mu kaa sɛ, “Yei ne me Ba, deɛ medɔ no he; ɔno ne sɔ m’ani; hontie no!”


Na berɛ a onyaa anidie ne animuonyam firi Agya Nyankopɔn hɔ na nne bi firi animuonyam kɛseɛ mu kaa sɛ, “Yei ne me dɔ Ba a ɔsɔ m’ani he,”


Na nne bi firi mununkum he mu kaa sɛ. “Yei ne me Ba, nea m’ayi no he, hontie no.”


“Yei ne m’akoa a mayi no, medɔ ba, ɔno ne me kra ani sɔ no. Mehwie me Honhom agu ne so, na wapaem aka atɛntenenee akyerɛ Amanamane mufoɔ.


Na afei mununkum bi bɛkataa bɛ so, na nne bi firi mununkum he mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba korɔ he; hontie no!”


na Honhom Kronkron sianee honam tebea mu te sɛ abuburo baa ne so, na nne bi fi soro kaa sɛ. “Wone me dɔba, wo ne wo sɔ m’ani.”


Na nne bi firi soro kaa sɛ, “Wone me dɔba he; wo ne wosɔ m’ani!”


Ɔno ne agye yɛ afiri sum tumi mu, na ɔde yɛ akotim ne dɔ Ba he ahennie mu,


na ayɛ ayeyie ama animuonyam adom a ɔde nam ne Dɔba he so akyɛ yɛ kwa.


Na Agya he a ɔsomaa me he ankasa di me ho adanseɛ. Hontee ne nne, na honhuu ne su nso,


Na metee nne bi firi soro te sɛ nsuworoeɛ a ano ɔdene, na ɔte sɛ apranaa nso. Nne a meteeɛ he te sɛ nnwom a sankubɔfoɔ bi ɔɔbɔ no ne sankuo so.


Agya he dɔ Ba he, na ɔbɛkyerɛ no nnoɔma a ɔno ankasa yɔ nyinaa. Na ɔbɛkyerɛ no nnwuma akɛseɛ asene yeinom na ayɛ ho nwanwa.


Sɛ yɛgye nnipa adanseɛ di a adanseɛ a Nyankopɔn di he kyɛne no. Na Nyankopɔn adanseɛ he ne adanseɛ a wadi afa ne Ba he ho.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite