Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 28:6 - Apam Foforɔ

6 Onni ha, na wanyane sɛdeɛ ɔkaeɛ he. Hommra mmɛhwɛ baabi a na ɔda!

Gade chapit la Kopi




Mateo 28:6
17 Referans Kwoze  

Nso ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hommma ho akoma ntu, hoohwehwɛ Nasareni Yesu nea bɛbɔɔ no asennua mu he. Wanyane, na onni ha. Hwɛ, baabi a bɛde no toeɛ.


Na sɛnea Yona dii bonsu yam nnansa, awia ne anadwo he, saa ara ne Nipa Ba he bedi nnansa asaase bunu mu.


Ofiri saa mmerɛ he ɔɔkɔ he, Yesu firii aseɛ kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ ɔsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem na okohu amane, mpanyimfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ nsam na beku no, na ne nnansa so he ɔsɔre.


nso bɛanhu n’amu he, na bɛbɛkaa sɛ abɔfoɔ yii bɛ ho adi kyerɛɛ bɛ ma bɛkaa sɛ ɔte ase.


Afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yei ne me nsɛm a meka kyerɛɛ ho berɛ a na meda so ka ho ho he, sɛ otwa sɛ nea bɛatwerɛ afa me ho ya Mose mmara ne Adiyifoɔ he ne Nnwom he mu nyinaa ba mu.”


Na bɛkaa sɛ, “Owura, yɛkae sɛ daadaafoɔ he te ase he ɔkaa sɛ ‘Nnansa akyi he menyane.’


Yesu buaa bɛ sɛ, “Honnwiri asɔredane yi ngu, na mede nnansa besi no bio.”


Afei Yesu hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ bɛ sɛ, ɔsɛ sɛ Nipa Ba he fa amanehunu pii mu, na mpanyimfoɔ, asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he po no na beku no, na nnansa akyi he wasɔre bio.


Yei nti ne Agya he dɔ me, efiri sɛ mede me nkwa to hɔ na mefa bio.


[Na Petro sɔre tutuu mmirika kɔɔ da he so, na ɔbɔɔ ne mu ase he, ohuu nwera a bedekyekyeree Yesu amu he nkoaa. Nti ofirii hɔ kɔɔ fie, na nea asi he maa ne ho dwirii no.]


na bɛde no ahyɛ Amanamane mufoɔ nsa ama bɛadi ne ho fɛw na bɛabɔ no mmaa, na bɛabɔ no asennuam, na da a ɔto so mmeɛnsa he Nyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu.”


na bebeku no, na nnansa so he ɔbɛsɔre.” Na ɔyɛɛ bɛ awerɛhoɔ pii.


Befiri bepɔ he so oosiane he, Yesu hyɛɛ bɛ sɛ, “Honnka anisoadehunu yi ho asɛm nkyerɛ biaa kosi sɛ Nipa Ba he bɛsɔre afiri awufoɔ mu.”


Nyankopɔn anyane no afiri wuom, na waayi wuo-yeyaa afiri ne so, efiri sɛ ontumi mma sɛ ɔbɛkɔ so ahu wuo amaneɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite