3 Na ne ho te sɛ anyinam, na n’ataadeɛ yɛ fitaa sɛ asukɔtwea.
Na ɔɔkɔ na asuafoɔ he ɔɔhwɛ soro haa he, mpofiremuaa nnipa mmienu bi a bɛhyɛ ntaadeɛ fitaa begyinaa ne nkyɛne.
na ne ntaadeɛ hyerɛnn fitafita sene deɛ asaase so ntomasifoɔ biaa betumi ama no ayɛ.
Beewura nna he mu he, behuu abeemaa bi a ɔhyɛ ataadeɛ tentene fitaa te nifa so hɔ, na bɛ akoma tuiɛ.
Yei akyi he, mehuu bɔfoɔ foforɔ sɛ ofiri soro ɔɔba fam. Na ɔwɔ tumi kɛseɛ na n’animuonyam hyerɛn asaase so nyinaa.
Na ohuu abɔfoɔ mmienu bi a bɛhyɛ ntaadeɛ fitaa a na bɛtete baabi a na Yesu amu da he; na baako te baabi a na Yesu amu he da he atifi na baako nso te anafoɔ.
Afei mehuu bɔfoɔ tumfoɔ bi a ofiri soro oosiane ba fam. Na ɔhyɛ mununkum mu a nyankontɔno bɔ ne ti. Na n’anim te sɛ awia, na ne nane te sɛ gya fadum.
Na ɔsakraa bɛ ani so, na n’anim hyerɛnn te sɛ awia, na ne ntaadeɛ yɛɛ fitafita te sɛ hann.
Na ne ho hu nti, awɛmfoɔ he ho popoeɛ, na bɛyɛɛ sɛ nea bɛawuwu.