Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 28:2 - Apam Foforɔ

2 Na mpofirem, asaasewosoɔ kɛseɛ siiɛ, na Awurade bɔfoɔ firi soro siane baeɛ, beminii boɔ he firii da he ano, na ɔtenaa so.

Gade chapit la Kopi




Mateo 28:2
12 Referans Kwoze  

Mpofiremuaa asaase wosoɔ kɛseɛ bi si maa afiase he fapem wosowosoeɛ. Afei apono he nyinaa biebieɛ amonom hɔaa, na bɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn he nyinaa sanesaneeɛ.


Akyinnye nni ho sɛ yɛ som yi mu ahintasɛm he so: Beyii no kyerɛ honam mu, bebuu no bem honhom mu, abɔfoɔ huu no, bɛpaee mu ka ne ho asɛm amanamane mu, bɛgyee no diiɛ wiase, bɛfaa no kɔ soro animuonyam mu.


Afei nnawɔtwe da a odi kane he, Maria Magdalene kɔɔ da he so anɔpatutuutu na ohuu sɛ boɔ he nna nna he ano.


Afei Nyankopɔn asɔredane a ɔya soro he bieeɛ ma behuu adaka a apam he ya mu he asɔredane he mu. Afei anyinam ne apranaa paepaeɛ, na asaase wosoeɛ, na asukɔtwea pii nso baeɛ.


Nyankopɔn daa no adi kyerɛɛ saa adiyifoɔ he sɛ, ɔnyɛ bɛ ho ne bɛsomeeɛ na mmom ho ne bɛde nnoɔma a asie na bɛɛka ho asɛm he ɔɔsom ho. Na akyire yiaa bɛada Asɛmpa he adi akyerɛ yɛ nyinaa. Saa Honhom Kronkron he a bɛsoma no firii soro he tumi so ne bɛnam kasa kyerɛɛ bɛ; saa tumi heaa so ne bɛnam kasa kyerɛɛ yɛ nso. Yeinom yɛ nnoɔma bi a abɔfoɔ mpo pɛɛ sɛ behu mu.


de kɔtoo ɔno ankasa ne damena foforɔ a watwa no abotane mu mu. Na omunii boɔ kɛseɛ bi too nna he ano, na ofirii hɔ kɔeɛ.


Na bɛkataa boɔ he ano, de nsɔano hyɛɛ no nso maa awɛmfoɔ he wɛne Yesu damena he.


Na anadwo he, Awurade bɔfoɔ bi biee afiase apono he de bɛ firii adi kaa sɛ,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite