Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 28:16 - Apam Foforɔ

16 Afei asuafoɔ dubaako he kɔɔ, bepɔ bi a ɔya Galilea a na Yesu akyerɛ bɛ he so.

Gade chapit la Kopi




Mateo 28:16
10 Referans Kwoze  

Na sɛ mesɔre firi awufoɔ mu a, medi ho anim kane akɔ Galilea.”


Afei Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honnsuro; honkɔ nkɔbɔ me nuanom amaneɛ sɛ bɛnkɔ Galilea; na bebehu me hɔ.”


Na honkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ he sɛ, ‘Wanyane afiri awufoɔ mu. Na hwɛ, oodi ho anim kane akɔ Galilea, hɔ ne hobehu no.’ Hwɛ, maka akyerɛ ho.”


Akyire yi oyii ne ho kyerɛɛ dubaako he berɛ a na bɛte adidi pono ho, na ɔkaa bɛ anim ɔnam gye a bɛannye anni ne bakoma dene nti, efiri sɛ bɛannye bɛ a bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ waasɔre he anni.


Na afei, bebehu yɛ sɛ yɛyɛ Nyankopɔn adansekunumufoɔ, efiri sɛ yedi Nyankopɔn ho adanseɛ sɛ ɔnyanee Kristo— sɛ awufoɔ anyane a, hedeɛ na wanyane no.


Yesu buaa bɛ sɛ, “Nyɛ mene maayi ho nnipa dummienu yi? Nso ho mu baako yɛ bronsam.”


Na me wusɔreɛ akyi he, medi ho anim akɔ Galilea.”


Berɛ a na ɔya Galilea he, na saa nnipa yi taa di n’akyi som no, afei nso na mmaa foforɔ binom gyina hɔ ɔɔhwɛ nea ɔɔkɔ so he a na bedi Yesu akyi aba Yerusalem.


Na honkɔ, nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ ne Petro sɛ oodi ho anim kane Galilea, hɔ ne ho behu no, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ ho he.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite