15 Nti bɛgyee sika he, ne bɛkɔyɔɔ sɛdeɛ bɛhyɛɛ bɛ he. Na asɛm yi atrɛ Yudafoɔ mu de besi nnɛ.
Yei nti bɛfrɛ saa asaase he Mogyaa Asaase de besi nnɛ.
Na bɔne ahodoɔ nyinaa bi farebae ne sikaniberɛ a, binom adi akyire ayera kwane na bɛde yea pii awowɔ bɛ ho.
na obisaa bɛ sɛ, “Sɛ meyi no ma ho a, mmɛ ne hode bɛma me?” Betuaa dwetɛbena aduasa maa no.
Nso befirii hɔ kɔeɛ a ne bɛde ne ho asɛm trɛɛ mansini he mu nyinaa.
Nso ofirii adi, na ɔhyɛɛ aseɛ kekaa ho asɛm, ma ɔtrɛɛ maa afei deɛ Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kuro biaa mu bio, na ɔtenaa nkuro agya, na nnipa firii mmeammea baa ne nkyɛne.