Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 28:10 - Apam Foforɔ

10 Afei Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honnsuro; honkɔ nkɔbɔ me nuanom amaneɛ sɛ bɛnkɔ Galilea; na bebehu me hɔ.”

Gade chapit la Kopi




Mateo 28:10
18 Referans Kwoze  

Na bɛ a ohuu bɛ sieeɛ he, oyii bɛ too hɔ sɛ bɛnsɛ ne Ba he, sɛnea ɔbɛyɛ a ne Ba he bɛyɛ abakane nnipa bebree mu.


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mfa wo nsa nka me, efiri sɛ menya nkɔɔ soro, m’Agya nkyɛne. Na kɔ me nuanom nkyɛne kɔka kyerɛ bɛ sɛ, ‘Meekɔ soro, m’Agya ne ho Agya ne me Nyankopɔn ne ho Nyankopɔn nkyɛne.’ ”


Na honkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ he sɛ, ‘Wanyane afiri awufoɔ mu. Na hwɛ, oodi ho anim kane akɔ Galilea, hɔ ne hobehu no.’ Hwɛ, maka akyerɛ ho.”


Na honkɔ, nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ ne Petro sɛ oodi ho anim kane Galilea, hɔ ne ho behu no, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ ho he.”


Nso bɔfoɔ he ka kyerɛɛ mmaa he sɛ, “Honnsuro! Na menim sɛ hoohwehwɛ Yesu a bɛbɔɔ no asennua mu he.


Nso amonom hɔaa Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Homa ho akoma ntɔ ho yam, ɔyɛ me a; honnsuro koraa.”


Nso ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ɔyɛ me a, honnsuro.”


Na obebua bɛ sɛ, ‘Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, sɛdeɛ hoannyɔ amma nkumaa yi mu baako he, saa ne hoannyɔ amma me nso.’


Na hene bebua bɛ sɛ, ‘Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ hoyɔ maa me nuanom nkumaa yi mu baako he, hoayɔ ama me nso.’


Na sɛ mesɔre firi awufoɔ mu a, medi ho anim kane akɔ Galilea.”


Na ntɛmaa, Yesu hyiaa bɛ kaa sɛ, “Asomdwie nka ho!” Na bɛbaa ne nkyɛne bɛsɔɔ ne nane koto sɔree no.


Afei asuafoɔ dubaako he kɔɔ, bepɔ bi a ɔya Galilea a na Yesu akyerɛ bɛ he so.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite