Nso osiane sɛ na asraafoɔ panyini he pɛ sɛ ɔgye Paulo nkwa he nti, wamma bɛ ho kwane. Mmom, ɔhyɛɛ sɛ bɛ a bebetumi adware he mfiti aseɛ nnware nkɔ mpoano.
Na afei besii gyinaeɛ wieeɛ sɛ yɛnkɔ Italia he, bɛde Paulo ne nneduafoɔ bi hyɛɛ panyini bi a ne dini de Yulio a ofiri Roma Tumfoɔ asraafoɔ kuo he mu nsa.
Afei ɔfrɛɛ asraafoɔ ha so mpanyimfoɔ he mu mmienu bi kaa sɛ, “Honsiesie asraafoɔ ahaanu, apɔnkɔsotefoɔ aduɔson, ne peakurafoɔ ahanu, anadwo nnɔnkron berɛ mu nkɔ Kaesarea.
Saa mmerɛ heaa, asaase wosoo dendenndene, kuro he nkyekyɛmu du mu baako sɛeɛ, na nnipa mpemnson wuwuiɛ ɔnam asaasewosoɔ he nti. Nnipa a bɛaka he bɔɔ hu na bɛkamfoo Nyankopɔn a ɔya soro he kɛseyɛ.
Nso Yesu yɔɔ komm. Afei sɔfo panyini he ka kyerɛɛ no sɛ, “Meka Nyankopɔn teasefoɔ he ntam gu wo so sɛ, sɛ wo ne Kristo, Nyankopɔn Ba he a, ka kyerɛ yɛ!”