Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 27:42 - Apam Foforɔ

42 “Ɔgyee afoforɔ; nso ontumi nnye ne ho. Sɛ ɔyɛ Israel Hene a, ma no mfiri asennua he so nsi fam, na yɛbɛgye no adi.

Gade chapit la Kopi




Mateo 27:42
14 Referans Kwoze  

Natanael kaa sɛ, “Ampa, Rabuni, wone Nyankopɔn Ba he! Wone Israelfoɔ Hene he!”


Bɛtwerɛɛ asɛm a begyinaa so bɔɔ no asennuam he sɛ, “Yei ne Yesu, Yudafoɔ Hene he”, na bɛde bɔɔ n’atifi.


Na bɛhwɛɛ nipa a bɛasa no yareɛ he sɛ ogyina Petro ne Yohane nkyɛne he, bɛanya hwee anka antia bɛ.


Na sɛ bi te m’asɛm na onni so a, me deɛ memmu no atɛne efiri sɛ mamma sɛ meebebu wiase atɛne, na mmom mebaa sɛ meebɛgye wiase nkwa.


bɛfaa berɛɛ, na befiri adi sɛ beekohyia no, na bɛteaam sɛ, “Hosiana! Nhyira ne deɛ ɔɔba Awurade dini mu— Israel hene he!”


Na bɛfrɛɛ nipa a na nka ɔyɛ nifirani he ne mprenu so ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa animuonyam ma Nyankopɔn! Yɛ deɛ, yenim sɛ nipa yi yɛ debɔnyɛni.”


sɛ, “Nhyira ne Hene ɔɔba sɛ hene Awurade dini mu! Asomdwie ya soro, na animuonyam ya sorosoro nohoa!”


bebisaa sɛ, “Hefa ne Yudafoɔ hene a bɛawo no he ya? Yɛahu ne nsoromma apieɛ, na yɛaba sɛ yɛɛbɛkoto no.”


na bɛkaa sɛ, “Wo a wodwiri asɔredane na wode nnansa si, gye wo ho ɛ! Sɛ woyɛ Nyankopɔn ba a, si firi asennua he so.”


Saa ara nso ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne atwerɛfoɔ ne mane mpanyimfoɔ he dii ne ho fɛw kaa sɛ,


Saa ne asɔfo mpanyimfoɔ he ne atwerɛfoɔ dii ne ho fɛw kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, “Ɔgye afoforɔ, nso ontumi nnye ne ho.


Ma Kristo he, Israel Hene he nsiane mfiri asennua he so sɛdeɛ ɔbɛyɔ a yebehu na yɛagye adi.” Bɛ a bɛbɔɔ bɛ ne no asennua mu he nso huruu no.


Na nkurofoɔ he gyina hɔ ɔɔhwɛ. Na atumfoɔ he dii ne ho agorɔ kaa sɛ, “Ɔgyee binom; sɛ yei ne Kristo a Nyankopɔn ayi no he a, ma onnye ne ho ɛ!”


kaa sɛ, “Sɛ wone Yudafoɔ hene he a, gye wo ho!”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite