Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 27:32 - Apam Foforɔ

32 Befirii adi ɔɔkɔ he, bɛtoo Kireneni beema bi a bɛfrɛ no Simon; ɔno ne bɛhyɛɛ no maa no soaa Yesu asennua he.

Gade chapit la Kopi




Mateo 27:32
17 Referans Kwoze  

Na bɛhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ofiri baabi ootwam, a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo papa, sɛ ɔnsoa n’asennua he.


Na bɛde no ɔɔkɔ he, bɛsɔɔ Simon, Kireneni bi a na ofiri akuraa bi ase ɔɔba kurom, na bɛde asennua he soaa no dii Yesu akyi.


Na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Sɛ bi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma no mpa ne ho akyi na ɔmfa n’asennua na onni m’akyi.


Nso nnipa bi a befiri nea bɛfrɛɛ no Ahofadiefoɔ Hyiadane he mu ne Kirenefoɔ ne Aleksandriafoɔ ne bɛ a befiri Kilikia ne Asia, sɔree sɛ bɛne Stefano oobedi anobaabaeɛ.


Frigia Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɔfa Kirene; afei binom nso yɛ ahɔhoɔ a befiri Roma, binom nso yɛ Yudafoɔ ne amanamane mufoɔ a bɛabɛdɔm Yudafoɔ som he,


Antiokia asafo he mu he, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ ya mu, Barnaba ne Simeon a bɛfrɛ no Niger he, ne Lukio a ofiri Kirene, ne Manaen a bɛtetee ɔne Herode a ɔyɛ mantam sodifoɔ he, ne Saulo.


Na binom ya bɛ mu a bɛyɛ Kiprofoɔ ne Kirenefoɔ a bɛaba Antiokia. Saa nnipa yi pae mu kaa Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ nnipa a bɛka Hela kasa he.


berɛ a na ɔno ankasa so n’asennua. Ofirii adi kɔɔ baabi a bɛfrɛ hɔ Tikankuro (anaa Golgota Hebri kasa mu).


Na bɛde no firii kuro he mu he, befirii aseɛ sii no aboɔ. Na adansefoɔ he de bɛ ntaadeɛ ngugusoɔ guu abranteɛ bi a bɛfrɛ no Saulo nane ase.


na sɛ bi hyɛ wo sɛ wo ne no nkɔ borɔfo-kwansini baako a, kɔ borɔfo-kwansini mmienu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite