21 Amrado he bisaa bɛ bio sɛ, “Nnipa mmienu he mu mmɛneɛ ne hopɛ sɛ megyae no?” Na bɛkaa sɛ, “Baraba.”
Afei asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne mane mpanyimfoɔ he bɔɔ nnipadɔm he aso sɛ bɛmma bennyae Baraba, na benku Yesu mmom.
Pilato bisaa bɛ sɛ, “Mmɛ ne memfa nyɔ Yesu a bɛfrɛ no Kristo he?” Bɛ nyinaa bɛkaa sɛ, “Ma bɛmmɔ no asennuam!”
Nti behyia wieeɛ he, Pilato bisaa bɛ sɛ, “Hwane ne hopɛ sɛ meyi no ma ho, Baraba, anaa Yesu a bɛfrɛ no Kristo he?”
Berɛ a nhwɛsofoɔ he ani bɔɔ no so he, befirii aseɛ susuu ho sɛ, ‘Mhõõ! Yei ne diadefoɔ he; homma yenku no, na agyapadeɛ he abɛyɛ yɛ deɛ.’
Afei Pilato frɛɛ asɔfoɔ mpanyimfoɔ he, mane sodifoɔ he ne ne manfoɔ he hyiaa mu