Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakobo Nyankopɔn, yɛ nananom Nyankopɔn ahyɛ n’akoa Yesu animuonyam, nea ho deɛ, hoyii no maeɛ, na hopaa no Pilato anim, berɛ a Pilato sii gyinaeɛ sɛ obegyaa no he.
na bɛde no ahyɛ Amanamane mufoɔ nsa ama bɛadi ne ho fɛw na bɛabɔ no mmaa, na bɛabɔ no asennuam, na da a ɔto so mmeɛnsa he Nyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu.”
Na berɛ a bɛtwee Paulo mu a beebetwa no mmaa he, obisaa sraani panyini a ogyina hɔ he sɛ, “Nti mmara ma kwane sɛ hotwa Romani mmaa berɛ a hommuu no fɔ?”
Saa anadwo heaa a Herode de Petro ɔɔbɛma nkurofoɔ he, na Petro da asraafoɔ mmienu ntam a nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu gu ne nsa, na awɛmfoɔ ya pono he ano ɔɔbɔ deduafie he ho bane.
kɔkaa sɛ ɔmma no nkrataa a ɔde bɛkɔ Damasko hyia adane mu, sɛnea ɔbɛyɛ a obetumi akye biaa a obehu sɛ ɔnam gyidie Kwane He so, mmeema ne mmaa, de bɛ aba Yerusalem.
Na bɛhwɛɛ no dinn he, bɛbɔɔ nnipa bi paa kokoam sɛ bɛnyɔ bɛ ho sɛ bɛyɛ anɔkwafoɔ, na ama bɛafa nsɛm a ɔkaeɛ he so anya no, na bɛde no ahyɛ abane ne amrado nsa.
Tiberio Kaesare ahennie afe a ɔtɔ so dunnum mu, berɛ a na Pontio Pilato yɛ Yudea amrado he, na Herode nso di Galilea mantam so, na ne nua Filipo nso di Iturea ne Trakoniti amantam so, saa ara nso ne na Lisaneia di Abilene, mantam so.
Na bɛde Yesu firii Kaiafa hɔ kɔɔ amrado Pilato abane mu. Na ɔyɛ anɔpatutuutu. Na Yudafoɔ he ankasa ankɔ amrado abane he mu sɛnea ɔbɛyɛ a bengu bɛ ho fi na bɛatumi adi Twam he bi.