Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 26:70 - Apam Foforɔ

70 Na ɔsanee bɛ nyinaa bɛ anim kaa sɛ, “Mennim deɛ wooka ho asɛm yi.”

Gade chapit la Kopi




Mateo 26:70
17 Referans Kwoze  

Nti nea ɔyɛ no sɛ ogyina hɔ he, ɔnhwɛ na wanhwe ase.


Nso ahufoɔ ne bɛ a bɛnnye nni ne akyiwadeyɔfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorɔfoɔ nyinaa benya bɛ kyɛfa ya tadeɛ a gya ne sɔfe ɔɔdɛre mu he. Yei ne wuprenu he.”


Ɛɛ, yei yɛ nɔkorɛ. Gye a bɛannye anni nti ne betwaa bɛtweneeɛ, nso gyidie nkoaa so ne wobegyina. Nti nyɛ ahantan, na mmom fa suro gyina pintinn.


Na Petro dii n’akyi akyirikyiri de koduruu sɔfo panyini he abane mu hɔ, na ɔkɔɔ mu he ɔne asraafoɔ he tenaa ase sɛ ɔɔbɛhwɛ deɛ obesi.


Nso yei nyinaa asi, sɛ ɔbɛyɛ a adiyifoɔ he atwerɛ he bɛba mu.” Afei asuafoɔ he nyinaa gyaa no hɔ dwaneeɛ.


Amonom hɔaa, bɛ a bɛka Yesu ho he mu baako twee ne sekane twaa sɔfo panyini he akoa aso.


Berɛ a yeinom ɔɔkɔ so he na Petro te fie he adihɔ. Abaawa bi baa ne nkyɛne bɛkaa sɛ, “Wo nso na woka Yesu a ofiri Galilea he ho.”


Petro pie kɔɔ abranaa he so he, abaawa foforɔ huu no, na ɔka kyerɛɛ bɛ a begyina hɔ he sɛ, “Na beema yi ka Nasareni Yesu ho.”


Nso Petro sanee sɛ, “Baa, mennim no.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite