Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 26:69 - Apam Foforɔ

69 Berɛ a yeinom ɔɔkɔ so he na Petro te fie he adihɔ. Abaawa bi baa ne nkyɛne bɛkaa sɛ, “Wo nso na woka Yesu a ofiri Galilea he ho.”

Gade chapit la Kopi




Mateo 26:69
18 Referans Kwoze  

Petro pie kɔɔ abranaa he so he, abaawa foforɔ huu no, na ɔka kyerɛɛ bɛ a begyina hɔ he sɛ, “Na beema yi ka Nasareni Yesu ho.”


Ɔno akyi he, Galileani bi a ɔde Yuda nso sɔree nna a bɛtwerɛtwerɛ dini he mu, na ɔtwee nnipa dii n’akyi. Ɔno nso wuiɛ, na n’akyidifoɔ he nyinaa hweteeɛ.


Bebuaa sɛ, “Womfiri Galilea, anaa wofiri hɔ? Hwehwɛ mu hwɛ na wobehu sɛ diyifoɔ biaa nni hɔ a obefiri Galilea asɔre.”


Na binom nso kaa sɛ, “Kristo he di.” Na binom nso bisaa sɛ, “Kristo he befiri Galilea anaa?”


Natanael kaa sɛ, “Nti, adepa bi betumi afiri Nasaret aba?” Filipo ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra bɛhwɛ.”


Na Petro dii n’akyi akyirikyiri de koduruu sɔfo panyini he abane mu hɔ, na ɔkɔɔ mu he ɔne asraafoɔ he tenaa ase sɛ ɔɔbɛhwɛ deɛ obesi.


Afei asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne nnipa he so mpanyimfoɔ he hyiaam sɔfo panyini a bɛfrɛ no Kaiafa fie hɔ,


Nnipadɔm he kaa sɛ, “Yei ne Yesu, diyifoɔ a ofiri Nasaret a ɔya Galilea he.”


Na ɔsanee bɛ nyinaa bɛ anim kaa sɛ, “Mennim deɛ wooka ho asɛm yi.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite